Asomafoɔ 24
24
Tertulo bɔɔ somafoɔ he ho nkuro
1Nnanum akyi he, sɔfo panyini Anania ne mpanyimfoɔ bi ne Tertulo a ogyina badwa anim kasa he baeɛ. Na bɛde Paulo ho nsɛm bɛtoo amrado he anim. 2Berɛ a bɛfrɛɛ Paulo baeɛ he, Tertulo hyɛɛ aseɛ bɔɔ no kwaadu sɛ: Nimuonyamfoɔ Felike, esiane sɛ ɔnam wo so ne yenya asomdwie, na wo, ne wo nhunumu ama nsakraeɛ aba mane yi mu nti, 3yɛde aseda a ɔkyɛne so gye yeinom berɛ nyinaa ya baabiaa. 4Nso sɛ ɔbɛyɔ na mennsɛe wo brɛ pii bio nti, mesrɛ wo sɛ firi w’anyamyɛ mu tie yɛ kakra. 5#Aso 17:6 Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini. 6#Aso 21:28 Na ɔnoaa nso ne bɔɔ ne ho mmɔdene sɛ obegu asɔrefie he ho fi ma yɛkyee no. 7Na nka yebetumi abu no atene sɛ nea Mmara he teɛ. 8#Aso 23:30 Wo ankasa wobetumi abisabisa no ahu nea yɛde ɔɔbɔ no soboɔ yi nyinaa mu.
9Yudafoɔ he nso de bɛ ho gyee mu bi sɛ, nsɛm yi te saa.
Paulo yii ne ho ano Felike anim
10Berɛ a amrado he maa Paulo kwane sɛ ɔnkasa he, obuaa sɛ, “Esiane sɛ menim yie sɛ woayɔ mane yi temmufoɔ mfie pii nti, ɔyɛ me anigyeɛ sɛ meeyi m’ano m’asɛm yi ho. 11#Aso 21:17 Sɛnea wobetumi anyɔ nhwehwemu ahu he, mekɔɔ Yerusalem kɔsomeeɛ he, onni mmoroo nnafua dummienu. 12Ɔnyɛ adeɛ a behuu me sɛ me ne bi agye akyinnye ya asɔrefie hɔ anaa meehyɛ nnipakuo bi kutupa de basabasayɔ aba hyia adane anaa kuro he mu. 13Na bentumi nso nya soboɔ a bɛɛbɔ me seeseiaa yi ho adanseɛ mma wo. 14#Aso 24:5 Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di. 15#Dan 12:2; Yoh 5:28-29 Na mewɔ anidasoɔ ya Nyankopɔn mu, a bɛ nso bɛwɔ saa anidasoɔ heaa bi, sɛ berɛ bi bɛba a bɛ a bɛtene ne bɛ a bɛntene nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 16#Aso 23:1 Nti berɛ nyinaa mehwɛ hu sɛ menyɔ bɔne biaa ntiaa Nyankopɔn ne nnipa. 17#Rom 15:25-26; Gal 2:10 Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane. 18#Aso 21:27 Berɛ a meeyɔ yei he behuu me asɔrefie hɔ sɛ meedwira me ho, nso na nnipakuo anaa hooyɔ biaa nni hɔ. 19Mmom, na Yudafoɔ bi a befiri Asia mantam he mu ne bɛya hɔ, na nka ɔsɛ sɛ bɛba w’anim na sɛ bɛwɔ bibi tia me a, bɛde ato dwa. 20Anaa, ma mmeema yi ankasa nka bɔne a behuu sɛ meyɔeɛ berɛ a na megyina Sanhedrin he anim he. 21#Aso 23:6 Menkaa hwee gye asɛm baako yi a meteaa mu kaa sɛ, ‘Awufoɔ sɔreeɛ nti ne beebu me atɛne ho anim nnɛ yi!’ ”
22 #
Aso 23:26
Nso esiane sɛ na Felike nim Kwane he ho asɛm yie nti, otuu nkurofoɔ he nsɛm he hyɛɛ da kaa sɛ, “Berɛ biaa sahene Lisia bɛba he, mebu nsɛm yi ho atɛne.” 23#Aso 27:3 Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ ɔnhwɛ Paulo so na bɛannha no, na bɛmmara ne ho nipa biaa a ɔbɛba abɛsra no.
Felike tuu asɛm he hyɛɛ mfie mmienu akyi
24Nna bi akyi he, Felike ne ne yerɛ Drusila a ɔyɛ Yudani he baeɛ, na ɔsoma ma bɛkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na betiee nea ɔwɔ ka fa Kristo Yesu mu gyidie ho. 25Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.” 26Nso saa berɛ yi nyinaa na n’ani da so sɛ Paulo bɛma no sika. Nti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɛbɔ nkɔmmɔ.
27Mfie mmienu akyi he, Porkio Festo bedii Felike adeɛ, na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafoɔ he anim adom nti, ɔmaa Paulo kɔɔ soaa daa afiase.
Currently Selected:
Asomafoɔ 24: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021