Asomafoɔ 21
21
Paulo kɔɔ Yerusalem
1Afei, yɛne bɛ tetee mu he, yɛfaa nsuo so kɔɔ tẽẽ koduru Ko. Na adeɛ kyeeɛ he yɛkɔɔ Rode, na yefiri hɔ kɔɔ Patara. 2Na berɛ a yehuu hyɛne bi a ɔɔkɔ Foinike he, yɛkɔforo kɔeɛ. 3Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma. 4#Aso 21:11-12; 20:23 Yɛhwehwɛɛ asuafoɔ he, na yɛtenaa hɔ nnanson. Honhom he ma bɛka kyerɛɛ Paulo sɛ, mma ɔnnkɔ Yerusalem. 5#Aso 20:36 Yɛ nna he soeɛ he, yefirii hɔ toaa yɛ akwantuo he so. Na bɛ nyinaa bɛne bɛ ayerɛ ne bɛ mma kogyaa yɛ kwane kosii kurotia. Na yebuu nkotodwe mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ 6na yɛ ne bɛ dii nkra. Afei yɛkɔforoo kodoɔ he, na bɛsane kɔɔ fie.
7Afei kwane a yetu firii Tiro he de yɛ koduruu Ptolemai, na yɛkyeakyea agyidifoɔ he na yɛtenaa bɛ nkyɛne da koro. 8#Aso 8:40 Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne. 9Na ɔwɔ mma mmaa nnan bi a bɛnwareeɛ a na bɛyɛ nkɔmhyɛfoɔ. 10#Aso 11:28 Na yedii nna kakra hɔ he, diyifoɔ bi a bɛfrɛ no Agabu firi Yudea baa hɔ. 11#Aso 20:23 Ɔbaa yɛ nkyɛne; na ɔfaa Paulo aboomu de kyekyeree ne nane ne ne nsa. Na ɔkaa sɛ, “Nea Honhom Kronkron ɔɔka di, ‘Sei ne Yudafoɔ a bɛya Yerusalem bɛkyekyere aboomu yi wura, na bɛde no ama Amanamane mufoɔ.’ ” 12#Mat 16:22 Yɛtee yei he, yɛ ne nkurofoɔ a bɛya hɔ he tuu Paulo fo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13#Aso 20:24 Nso obuaa sɛ, “Mmɛ ne hooyɔ yi, sɛ hode su ɔɔte me nsono mu yi? Masiesie me ho sɛ ɔnyɛ kyekyere a bɛbɛkyekyere me nkoaa, na mmom, sɛ otwa sɛ mewu mpo a mewu ama Awurade Yesu dini ya Yerusalem.” 14Ɔnam sɛ na wawe ataaso sɛ ɔbɛkɔ nti, yɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade pɛ ne nyɔ hɔ.” Na yɛanka bibiaa bio.
15Na nna yi akyi he, yɛyɔɔ ahoboa siim kɔɔ Yerusalem. 16Asuafoɔ a bɛya Kaesarea nso ne yɛ kɔeɛ de yɛ koduruu Kiproni Minason a na ɔyɛ asuafoɔ adikanfoɔ he mu bi fie. Na yɛ ne no tenaeɛ.
Paulo kɔsraa Yakobo ya Yerusalem
17Berɛ a yeduruu Yerusalem he, anuanom de anigyeɛ gyee yɛ. 18#Aso 15:13; Gal 1:19 Adeɛ kyeeɛ he, Paulo ne yɛ kɔsraa Yakobo, na yɛkɔtoo mpanyimfoɔ he nyinaa nso hɔ. 19Na ɔkyea bɛ wieeɛ he, ofirii aseɛ kaa nea Nyankopɔn nam ne som adwuma he so ayɔ no Amanamane mufoɔ mu he nyinaa kyerɛɛ bɛ. 20#Aso 15:1 Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho. 21#Aso 16:3; Rom 10:4Nea bɛaka afa wo ho akyerɛ bɛ ne sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a bɛya Amanamane mu nyinaa sɛ bɛmmane mfiri Mose mmara he ho, na woka kyerɛ bɛ sɛ benntwa bɛ mma twetia na bennni amanneɛ he so. 22Nti afei, ɛɛne ne yɛbɛyɔ afa saa asɛm yi ho? Nea ɔbɛyɛ biaa bɛbɛte sɛ woaba ha. 23#Aso 18:18 Nti yɔ nea yɛbɛka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmeema nnan bi a bɛahyɛ bɔ soronko sɛ beetua bɛ ho nnoɔma bi berɛ yi mu. 24Ka saa mmeema yi ho, na homfa nhyehyɛeɛ a ɔfa ahodwira ho he mu, na afei tua sika a ɔsɛ sɛ betua yi beti he kyɛ bɛ. Na yei bɛma biaa ahu sɛ wo ho asɛm a bɛteeɛ he nyɛ nɔkorɛ, na mmom wodi mmara he so na wo bɔ ho bane nso. 25#Aso 15:20; 15:29 Na agyidifoɔ a befiri Amanamane mu he deɛ, yɛde gyinaeɛ a yɛasi he akɔ ma bɛ sɛ bɛntwe bɛ ho mfiri bibi a bɛde abɔ afɔdeɛ ama bosom ne mogyaa ne mmoa a bɛaku bɛ a bɛanhwie bɛ mogyaa angu, ne adwamammɔ ho.” 26#Num 6:9-20 Nti Paulo faa mmeema he. Na adeɛ kyeeɛ a odwiraa ne ho he, ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛɛ ahodwira nna he wie a bebewie he, na afei bɛbɔɔ biaa ti so afɔdeɛ.
Nnipakuo he kyee no
27Afei berɛ a nnanson a bɛayi asi hɔ ama ahodwira he ɔɔba awieeɛ he, na Yudafoɔ a befiri Asia huu no asɔrefie hɔ he, befirii aseɛ maa nnipa he yɛɛ gyegyeegye na bɛsosɔɔ ne mu 28#Aso 6:13; Hes 44:7 teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.” 29#Aso 20:4; 2 Ti 4:20 Na bɛadi kane ahu Efesoni Trofimo sɛ ɔka ne ho ya kuro he mu, na besusu sɛ Paulo de no baa asɔrefie hɔ. 30Na kuro hɔ nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na nnipa he nyinaa bɔɔ twi baeɛ. Na bɛsosɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ. Na ntɛmaa bɛtotoo apono he mu. 31Na berɛ a bɛɛhwehwɛ sɛ bebeku no he, asrafokuo so sahene he nyaa amanebɔ sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ gyegyeegye; 32na ntɛmaa ɔfaa asraafoɔ ne bɛ mpanyimfoɔ kɔɔ bɛ so. Berɛ a bɛ ani bɔɔ sahene he ne asraafoɔ he so he, begyae Paulo hweɛ. 33#Aso 21:11; 20:23 Na sahene he bɛnee hɔ kɔsɔɔ ne mu hyɛɛ sɛ bɛmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Na ofirii aseɛ bisaa nipa ko a ɔyɛ ne nea wayɔ. 34Nso nnipa he mu bi teaam kaa yei, na binom nso ateam aka asɛm foforɔ. Nti berɛ a bɛantumi anhu asɛm he mu yie ɔnam sakasakayɛ he nti, ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ. 35Nso berɛ a oduruu dane-atwedeɛ he so he, osiane nnipakuo he basabasayɔ nti, asraafoɔ he maa no so. 36#Aso 22:22; Luk 23:18 Na nnipadɔm he kɔɔ so dii n’akyi teateaam sɛ, “Honyi no mfiri hɔ,”
Paulo yii ne ho ano
37Na berɛ a bɛɛyɛ de no aduru asraafoɔ asoeɛ hɔ he, Paulo bisaa sahene he sɛ, “Mewɔ ho kwane sɛ meka asɛm bi kyerɛ ho anaa?” Obuaa sɛ, “Wobetumi aka Hela kasa? 38Ɔnnyɛ wo ne Misraimni a nnansa yiaa wokɔfaa amammɔsɛm baeɛ a wode mmeema awudifoɔ mpemnan firii adi kɔɔ serɛ so he?” 39#Aso 9:11 Paulo buaa sɛ, “Meyɛ Yudani a mefri Tarso a ɔya Kilikia, kuro a odi mu he mu. Nti mesrɛ wo ma me kwane na me ne me manfoɔ he nkasa.” 40Berɛ a ɔmaa no kwane he, Paulo a na ogyina dane-atwedeɛ so he nyamm ne nsa kyerɛɛ nnipa he. Afei berɛ a hɔ yɛɛ komm he, ɔde Hebri kasa ka kyerɛɛ bɛ sɛ:
Currently Selected:
Asomafoɔ 21: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021