YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 10

10
Petro ne Kornelio
1 # Mat 8:5 Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini. 2Na ɔyɛ nipa a ɔwɔ ahofama na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Nyankopɔn, na ɔyɛ nkurofoɔ adɔeɛ pii na ɔde adesrɛ to Nyankopɔn anim daa. 3Bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, ohuu Nyankopɔn bɔfoɔ pefee anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛne na ɔɔfrɛɛ no sɛ, “Konelio.” 4Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim. 5Nti afei soma mmeema ma bɛnkɔ Yopa nkɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he mmra. 6#Aso 9:43 Saa beema yi akɔsoeɛ nwomahyɛni bi a ɔde Simon a ne fie ya po he ano.” 7Berɛ a bɔfoɔ a ɔne no kasaeɛ he kɔeɛaa pɛ, ɔfrɛɛ ne fie nkoa mmienu ne sraani bi a ɔwɔ ahofama firii bɛ a bɛsom no daa he mu, 8na ɔkaa bibiaa kyerɛɛ bɛ somaa bɛ kɔɔ Yopa.
9Adeɛ kyeeɛ a bɛnam kwane so ɔɔkɔ na bɛɛyɛ aduru kuro he mu he, Petro kɔɔ dane he atifi bɛyɛ awia dummienu berɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ. 10Afei kɔm dee no paa ma ɔpɛɛ sɛ odidi. Berɛ a begu so ɔɔyɛ aduane he, onyaa anisoadehunu 11#Aso 11:5-17 na ohuu sɛ soro abie na adeɛ bi a ɔte sɛ nwera ntoma kɛseɛ bi oosiane firi soro ɔɔba asaase so te sɛ nea nnipa binom kitakita anoano nnan he na beegyaagyaa mu. 12Na ntɔteboa ne mmoa a bɛwea asaase so ne wiem nnomaa nyinaa bi yam. 13Na ɔtee nne bi sɛ, “Petro, sɔre ku bi na di!” 14#Hes 4:14; Lew 11 Nso Petro kaa sɛ, “Daabi da, Awurade, efiri sɛ mennii bibi a ho agu fi anaa ho nte biaa da.” 15#Mat 15:11 Na nne he ka kyerɛɛ no ne mprenu so sɛ, “Mfrɛ nnoɔma a Nyankopɔn ate ho sɛ ho agu fi.” 16Yei baa ne mprɛnsa so, na hɔaa bɛfaa adeɛ a ɔte sɛ nwera he kɔɔ soro.
17Afei berɛ a anisoadehunu he nti na Petro tim ayɛ no kesenenee he, hwɛ, na mmeema a Konelio somaa bɛ he abisabisa Simon fie kwane ma bɛabegyina pono he ano. 18Na bɛfrɛ bisaa sɛ ebia Simon a bɛfrɛ no Petro he abɛsoeɛ hɔ. 19Berɛ a Petro gu so ɔɔdwennwene anisoadehunu he ho he, Honhom he kaa sɛ, “Hwɛ, nnipa mmeɛnsa bi ɔɔhwehwɛ wo. 20Wo deɛ, sɔre, si fam na wo ne bɛ nkɔ berɛ a wontwentwɛne wo nane ase, efiri sɛ me ne m’asoma bɛ.” 21Nti Petro sii fam kɔɔ mmeema he nkyɛne kɔkaa sɛ, “Hwɛ, mene nea hoohwehwɛ no he. Ɛɛne nti ne ho baa ha?” 22Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.” 23Nti ɔde bɛ baa fie na ɔsom bɛ sɛ ahohoɔ.
Adeɛ kyeeɛ he ɔsɔre ne bɛ kɔeɛ, na agyidifoɔ binom a befiri Yopa ka bɛ ho. 24Da a odi hɔ he, oduruu Kaesarea. Na Konelio nso afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfonom nyinaa ɔɔtwɛne bɛ. 25Berɛ a Petro piee hɔ he, Konelio kohyiaa no hwee ne nane ase sɔree no. 26#Aso 14:15; Adi 19:10 Nso Petro maa no so kaa sɛ, “Sɔre; me nso meyɛ nipa te sɛ woaa.” 27Na berɛ a ɔne no gu so ɔɔbɔ nkɔmmɔ he, ɔkɔɔ fie he mu kohuu sɛ nnipa bebree ahyiam, 28na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte. 29Ne saa nti bere a bɛsoma bɛfrɛɛ me he, manyi ano koraa ne mebaeɛ. Afei, mmɛ nti ne hosoma ma bɛfrɛɛ me.”
30Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim. 31Na ɔkaa sɛ, ‘Konelio Nyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim. 32Nti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he. Saa beema yi abɛsoeɛ Simon a ɔyɛ nwomahyɛni he fie po he ano.’ 33Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”
34 # 1 Sa 16:7; Rom 2:11 Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35#Yoh 10:16 na mmom mane biaa mu he, nipa a osuro no na ɔyɔ adetenenee he, ɔgye no tom. 36#Mat 28:18 Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura. 37#Mat 4:12-17 Saa asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa, ofiri aseɛ Galilea berɛ a Yohane kaa asubɔ ho asɛm he akyi. 38#Yes 61:1; Mat 3:16 Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho. 39Yɛyɛ nnwuma a ɔyɔeɛ ya Yudea ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ. Bɛde no sɛnee asennua so kuu no. 40#1 Ko 15:4-7 Nso Nyankopɔn nyanee no da a ɔtɔ so mmeɛnsa na ɔmaa no kwane sɛ onyi ne ho adi nkyerɛ, 41#Yoh 15:27 ɔnyɛ nnipa nyinaa, na mmom bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ sɛ adansefoɔ he, na ne wusɔreɛ akyi he bɛ ne no didiiɛ, na bɛnomeeɛ. 42#Aso 17:31; Rom 14:10 Ɔhyɛɛ yɛ sɛ yɛnka nkyerɛ mane he na yenni adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn ayi no sɛ ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa temmufoɔ. 43#Yes 53:5-6; Yer 31:34; Hes 34:16; Dan 9:24 Adiyifoɔ he nyinaa dii ne ho adanseɛ sɛ biaa a ɔgye no di he benya bɔne fakyɛ ne dini mu.”
44Petro gu so ɔɔkasa he, Honhom Kronkron siane baa bɛ a bɛtee asɛm he nyinaa so. 45Agyidifoɔ a bɛatwa bɛ twetia a na bɛ ne Petro nam he ho dwirii bɛ sɛ akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he asiane agu amanamane mufoɔ mpo so, 46#Aso 2:4; Mar 16:17 efiri sɛ, bɛtee sɛ bɛɛka kasa foforɔ na beeyi Nyankopɔn ayɛ. Na Petro bisaa sɛ, 47“Hwane ne betumi asi yeinom a bɛanya Honhom Kronkron sɛ yɛaa yi ho kwane sɛ yɛmfa nsuo mmɔ bɛ asu?” 48#Yoh 4:40 Nti ɔhyɛɛ ma bɛbɔɔ bɛ asu Yesu Kristo dini mu. Afei bɛsrɛɛ no sɛ onni nna kakra bɛ nkyɛne.

Currently Selected:

Asomafoɔ 10: BBTP

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in