1 Korintofoɔ 3
3
Mpaepaemu a ɔya Korinto asafo he mu
1Ne saa nti, anuanom, mantumi ne ho ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, Kristo mu nkokoa. 2#1 Pe 2:2; Heb 5:12-13 Nofosuo ne mede maa ho, na mmom ɔnyɛ aduane a mu oduru, efiri sɛ na hontumi nnye, na seeseiaa mpo, hontumi nnye. 3#1 Ko 1:10-11; 11:18 Na hoda soaa yɛ honam mufoɔ. Na mprɛ dodoɔ a ahoɔyea ne apereapereɛ da so ya ho mu he, honyɛ honam mufoɔ a hobɔ ho bra sɛnea honam pɛ? 4#1 Ko 1:12 Na sɛ bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” na foforɔ nso ka sɛ, “Meya Apolo afa” a, na ɔnnyɛ nnipasɛm ne hoodi?
5 #
Aso 18:24; 18:27 Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa. 6#Aso 18:4; 18:11 Meduaeɛ, Apolo guguu so nsuo, na ɔyɛ Nyankopɔn ne maa ne nyiniiɛ. 7Ne saa nti, ɔnyɛ nea odua anaa nea ogugu so he ne ayɔ bibi, na mmom ɔyɛ Nyankopɔn a ɔma no nyini he a. 8#1 Ko 4:5 Nea odua ne nea ogugu so nsuo nyinaa wɔ botaeɛ baako, na biaa benya akatua sɛnea n’adwuma teɛ, 9#Mat 13:3-9; Efe 2:20 efiri sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a yɛyɔ adwuma bom. Hote sɛ Nyankopɔn afuo, ne ne dane.
10 #
1 Ko 15:10
Nyankopɔn adom a manya he te sɛ dansifoɔ nyansani a metoo fapem, na bi foforɔ oosi bi asi so. Ɔsɛ sɛ biaa hwɛ yie sɛdeɛ ɔto so fa; 11#1 Pe 2:4-6efiri sɛ biaa nni hɔ a obetumi ato fapem foforɔ bi aka fapem dada a bɛato a ɔno ne Yesu Kristo he ho. 12Afei sɛ bi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔ a ɔsombo, dua, serɛ, tõõ to fapem yi so a— 13#1 Ko 4:5dansifoɔ biaa adwuma bɛda adi, na Da he bɛda no adi, efiri sɛ gya ne bɛde beyi no adi, na gya he bɛsɔ biaa adwuma a waayɔ ahwɛ. 14Sɛ nea bɛasi no fapem he so he gyina a, dansifoɔ he benya akatua. 15Sɛ dansifoɔ bi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; na mmom, ɔno ankasa deɛ bɛbɛgye no nkwa, nso ɔte sɛ deɛ ɔnam gya mu.
16 #
1 Ko 6:19; 2 Ko 6:16 Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu? 17Sɛ bi sɛe Nyankopɔn asɔredane a, Nyankopɔn bɛsɛe saa nipa he nso, efiri sɛ Nyankopɔn asɔredane yɛ kronkron, na hoaa ne saa asɔredane he.
18 #
Adi 3:17-18
Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa, 19#Hiob 5:12-13 efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu” 20#Dwom 94:11 na bio, “Awurade nim (wiase mu) nyansani nsusuiɛ, sɛ ne nyinaa yɛ kwa.” 21Nti mma biaa nhoahoa ne ho honam fam, efiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛ ho deɛ, 22sɛ Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, wuo oo, seesei oo anaa daakye oo, ne nyinaa yɛ ho dea, 23#1 Ko 11:3 na hoyɛ Kristo dea, na Kristo nso yɛ Nyankopɔn dea.
Currently Selected:
1 Korintofoɔ 3: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

: