YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofoɔ 2

2
Kristo a bɛbɔɔ no asennua mu he
1 # 1 Ko 1:17 Na me nso, anuanom, berɛ a mebaa ho nkyɛne he, mamfa nyansa a ɔtra so ne bɛkaa Nyankopɔn ahintasɛm he. 2#Gal 6:14 Na mmom nɛbɔɔ me tim pɔ sɛ memmfa m’adwene nsi bibiaa so ka Yesu Kristo, ne bɔ a bɛbɔɔ no asennua mu he ho. 3#Aso 18:9; 2 Ko 10:1 Na mebaa ho nkyɛne mmerɛyɛ ne suro ne ahopopoɔ mu. 4#1 Ko 2:1 Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu, 5#Efe 1:17; 1:19; 1 Te 1:5 na amma ho gyidie fapem annyina nnipa nyansa so na mmom, ama no agyina Nyankopɔn tumi so.
6Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ. 7#Rom 16:25 Na mmom yɛka Nyankopɔn ho ahintasɛm ne nyansasɛm a bɛde asie, deɛ Nyankopɔn ka too hɔ ansa na ɔɔbɛhyɛ wiase ase, sɛ ɔde bɛhyɛ yɛ animuonyam he. 8#Luk 23:34; Yak 2:1 Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu. 9#Yes 64:3 Nso sɛnea bɛatwerɛ sɛ,
“Deɛ ani biaa nhuu da, anaa aso ntee da,
na nnipa akoma nwenee ho,
deɛ Nyankopɔn asiesie ama bɛ a bɛdɔ no,”
10 # Mat 13:11 nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu. 11Na hwane ne nim deɛ ɔya nipa mu ka nnipa honhom a ɔya ne mu he ho? Saa nso ne bi ntumi nte Nyankopɔn ase gye sɛ Nyankopɔn Honhom heaa. 12Na yɛ deɛ, ɔnyɛ wiase honhom ne yɛanya, na mmom honhom a ofiri Nyankopɔn mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛte akyɛdeɛ a Nyankopɔn de ama yɛ he ase. 13#1 Ko 2:1; 2:4 Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu. 14#1 Ko 1:23; Yoh 8:47 Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm. 15#1 Yoh 2:20 Bɛ a bɛya honhom mu he wɔ adeɛ nyinaa mu nhunumu, nso bɛ deɛ, afoforɔ nni bɛ nnoɔma mu nhunumu.
16 # Rom 11:34; Yes 40:13 Na hwane ne ahu Awurade adwene
na wakyerɛ no nea ɔnyɔ?
Nso yɛ deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.

Currently Selected:

1 Korintofoɔ 2: BBTP

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in