Sakaria NHYƐNMU
NHYƐNMU
Odiyifo Sakaria nhoma no wɔ afa atitiriw abien. Ti 1-8 no yɛ nkɔmhyɛ a efi Odiyifo Sakaria nkyɛn a wɔahyɛ no agyirae wɔ mmere horow fi mfe ahanum aduonu kosi mfe ahanum ne dunwɔtwe ansa na wɔwo Kristo no.
Eyi mu dodow no ara yɛ anisoadehu, na ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛyɛ Yerusalem ne Awurade fi no foforo afa, Awurade nkurɔfo ahotew ne nea wɔasra no no bere a ɔde bɛba. Ti 9-14, ɛha yi yɛ nkra nsɛm a wɔaboaboa ano a ɛfa nea wɔasra no no mmae ne atemmu a edi akyiri no ho.
EMU NSƐM
Kɔkɔbɔ ne anisoade ho nsɛm 1.1—8.23
Aman a atwa Israelfo ho ahyia no atemmu 9.1-8
Daakye yiyedi ne asomdwoe 9.9—14.21
Currently Selected:
Sakaria NHYƐNMU: RATB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.