YouVersion Logo
Search Icon

Sakaria 3

3
Wɔdom ɔsɔfopanyin no
1 # Hag 1.4; Hiob 1.9; Adi 12.10 Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano. 2#Yuda 9 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu? 3Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ogyina ɔbɔfo no anim. 4#Yes 6.7; 61.3 Na obua see wɔn a wogyinagyina n’anim no sɛ: Munyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama w’amumɔyɛ no afi wo so kɔ, na mede ntade nsakraho mahyɛ wo. 5#Eks 28.39 Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ.
6Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ: 7#Nnw 91.11 Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan. 8#Yes 8.18; Sak 6.12; Yer 23.5; 33.15 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba. 9#Sak 4.10; Adi 5.6 Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro. 10#1 Ah 4.25; Mika 4.4 Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase.

Currently Selected:

Sakaria 3: RATB

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in