YouVersion Logo
Search Icon

Sakaria 13

13
Apam foforo no mu dom mayɛ
1 # Yes 12.3; 55.1 Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.
2 # Mika 5.13 Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ. 3#Deut 13.5 Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, efisɛ woaka Awurade din mu atosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no behwirew no mu. 4#2 Ah 1.8 Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio. 5Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifo, meyɛ okuafo a mayɛ kua, fi me mmofraase. 6Na obi bisa no sɛ: Akuru bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? A, ɔbɛka sɛ: Opira a wopiraa me, m’adɔfo fi no nen.
Ahodwira atemmu
7 # Mat 26.31 Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo
ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no,
asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no,
na nguan no mpete,
na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.
8 # Yes 6.13 Na wobetwitwa asase no nyinaa
so nkyɛmu abien ma adwerɛw,
nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no,
wobegyaw wɔ so, Awurade asɛm ni.
9 # Hos 2.23 Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu,
na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ,
na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu.
Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn;
mɛka sɛ: Me man ne wɔn!
Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!

Currently Selected:

Sakaria 13: RATB

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in