Skip to content

Rut 1

1
Elimelek tutu kɔtena Moab
1Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu. 2Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na woduu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ. 3Na Elimelek, Naomi ne kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no. 4Na wɔwaree yerenom Moabfo mu, obiako din de Orpa, na obiako no din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du. 5Na wɔn baanu no: Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbea no (Naomi) nko ne mma baanu no ne kunu no wu akyi.
Naomi ne ne sew san kɔ Betlehem
6Ɛnna ɔsɔree, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresan afi Moab asase so aba, efisɛ ɔtee wɔ hɔ sɛ: AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan. 7Na ofii nea ɔwɔ hɔ, na ne nsewnom baanu no ka ne ho. Na wosii kwan so sɛ wɔresan aba Yuda asase so. 8Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsewnom baanu no sɛ: Monsan nkɔ mo nanom fi. AWURADE ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo no ne me adi no yi. 9#Rut 3.1 AWURADE mma munnya atenaye mo kununom fi. Na ofifew wɔn ano; na wɔmomaa wɔn nne so susui. 10Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsan akɔ wo manfo nkyɛn. 11Na Naomi kae sɛ: Me mma, monsan! Ɛdɛn na mo ne me bɛkɔ? So mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom? 12Me mma, monsan nkɔ! Na manyin dodo sɛ menya okunu. Sɛ mise: Mewɔ anidaso, na minya okunu anadwo yi na mewo mmammarima po a, 13#Hiob 19.21 so ɛno nti mobɛtwɛn wɔn akosi sɛ wobenyin anaa? So ɛno nti mobɛtena hɔ a morenware anaa? Dabi, me mma, na ɛyɛ me awerɛhow dodo mo nti, efisɛ AWURADE ne me anni no yiye. 14Na wɔmomaa wɔn nne so susui bio. Na Orpa few ne sew no ano de kraa no; na Rut de, ɔbataa ne ho.
15Na Naomi kae sɛ: Hwɛ, wo kora asan kɔ ne manfo ne n’anyame nkyɛn. San di wo kora akyi! 16#2 Sa 15.21 Na Rut kae sɛ:
Nhyɛ me sɛ minnyaw wo mensan mimfi w’akyi;
na nea wokɔ na mɛkɔ,
na nea wosoɛ na mɛsoɛ;
wo man bɛyɛ me man,
na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;
17nea wubewu, na mewu,
na ɛhɔ ara na wobesie me;
AWURADE nyɛ me eyi ne bi nka ho, sɛ gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam.
18Na Naomi hui sɛ wawe ahina so sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔne no gyaee kasa wɔ ho.
19Na wɔn baanu no nantew beduu Betlehem. Na woduu hɔ no, wɔn nti kurow no nyinaa bɔɔ twi na wɔkae sɛ: So Naomi ni? 20#Eks 15.23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
Mommfrɛ me Naomi, #1.20: NAOMI: Ase ne: Nea wɔadom no.
na momfrɛ me Mara, #1.20: MARA: Ase ne: Nwenenwene.
efisɛ Tweaduampɔn ne me
adi no bɔnwoma so sɛ!
21Mekɔɔ no ma,
na AWURADE de me hunu na aba;
ɛdɛn na mofrɛ me Naomi,
bere ko a AWURADE ayi me ntɛn,
na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?
22Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut san fii Moab asase so bae ni. Na woduu Betlehem no, na wɔafi atokotwa ase.