Romafo 9
9
Onyankopɔn yi Israelfo
1Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu 2sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu. 3#Eks 32.32 Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo, 4#Eks 4.22; Deut 7.6; 14.1 na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de; 5#Mat 1; Luka 3.23-34; Yoh 1.1 na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.
6 #
Num 23.19; Rom 2.28 Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo, 7#Gye 21.12 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo. 8#Gal 4.23 Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo. 9#Gye 18.10 Efisɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afedan sesɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba. 10#Gye 25.21 Na ɛnyɛ eyi nko, na Rebeka nso ne obiakofo a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛnee, 11na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti, 12#Gye 25.23 wosee no sɛ: Ɔpanyin no bɛsom akumaa no; 13#Mal 1.2-3 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Medɔɔ Yakob,
na metan Esau.
14 #
Deut 32.4
Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ anaa? Dabida! 15#Eks 33.19 Na osee Mose sɛ:
Nea mihu no mmɔbɔ no ara
na mehu no mmɔbɔ,
na nea me yam hyehye me ma no no ara
na me yam bɛhyehye me ama no.
16 #
Efe 2.8
Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no. 17#Eks 9.16 Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so. 18#Eks 4.21 Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.
Onyankopɔn abufuw ne n’ahummɔbɔ
19Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Ɛdɛn na ɔda so nunu onipa? Na hena na obetumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asi? 20#Yes 45.9 Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ? 21So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ? 22#Rom 2.4 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, 23#Efe 1.3-12; Rom 8.29 sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn? 24Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.
25 #
Hos 2.23
Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ:
Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”,
ne nea mannɔ no no ɔdɔfo;
26 #
Hos 1.10
na ɛbɛba sɛ faako a wosee wɔn sɛ:
Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn Teasefo no mma.
27 #
Yes 10.22-23; Rom 11.5 Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa; 28efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa. 29#Yes 1.9 Na sɛnea Yesaia aka asie no:
Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.
Paulo mpae a ɔbɔ ma Israel
30 #
Rom 10.20
Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu; 31#Rom 10.2-3 na Israel a wotiw trenee mmara no de, wɔanto trenee mmara no. 32Ɛdɛn ntia? Efisɛ wotiw no sɛ emfi gyidi mu, na mmom efi nnwuma mu; efisɛ wohintiw hintibo no, 33#Yes 8.14; 28.16; Mat 21.42; 21.44 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa,
ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;
na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.
Currently Selected:
Romafo 9: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.