Romafo 5
5
Yɛn ne Onyankopɔn mu atenaye
1 #
Rom 3.24; 3.28; 4.24; Yes 53.5 Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; 2#Efe 3.12 ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu. 3#Yak 1.2-3 Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, 4na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba. 5#Heb 6.18-19 Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.
6Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo. 7Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia anka obi besi ne bo sɛ obewu ama no. 8#Yoh 3.16; 1 Yoh 4.10 Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
9 #
Rom 1.18; 2.5; 2.8 Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu. 10#Rom 8.7 Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu. 11Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.
Adam ne Kristo
12 #
Gye 2.17; 3.19; Rom 6.23 Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa ara na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne. 13#Rom 4.15 Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmmfa bɔne mmu nkontaa. 14#1 Ko 15.21-22; 15.45; 15.55 Nanso owu dii hene fii Adam so besii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no sɛso sɛ bɔne mpo, odii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne nea ɔbɛba no nsusuwso.
15Na ɛnyɛ sɛnea mfomso no te na ɔdom akyɛde no nso te, efisɛ obiakofo mfomso nti nnipa bebree awu a, Onyankopɔn adom ne onipa biako a ɔne Yesu Kristo no adom akyɛde aboro so ama nnipa bebree akyɛn saa. 16Na ɛnyɛ sɛ nea ɛnam obiakofo a ɔyɛɛ bɔne no so bae no na akyɛde no te, na atemmu no fi obiakofo na ɛdan afobu, na adom akyɛde no fi mfomso pii mu na ɛdan bembu. 17Na sɛ ɛnam obiakofo no so na owu de obiakofo no mfomso dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so bedi ahene wɔ nkwa mu. 18#1 Ko 15.22 Enti afei, sɛnea afobu nam obiakofo mfomso so baa nnipa nyinaa so no, sɛ nso nkwa bembu nam obiakofo trenee so baa nnipa nyinaa so ne no. 19#Yes 53.11 Na sɛnea nnipa bebree no nam onipa biako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo no, sɛ nso bebree no nam obiakofo no setie so bɛyɛ atreneefo ne no. 20#Rom 4.15; 7.8; Gal 3.19 Na mmara no de ɛbae sɛ mfomso no nnɔɔso, na nea bɔne adɔɔso no, ɔdom aboro so akyɛn no. 21#Rom 6.23 Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, adom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.
Currently Selected:
Romafo 5: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: