YouVersion Logo
Search Icon

Romafo 4

4
Wɔde Abraham yɛ mfatoho
1Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? 2Na sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem a, ɛnne na ɔwɔ nea ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim. 3#Gye 15.6; Gal 3.6 Na dɛn na kyerɛw no se? Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno sɛ trenee maa no. 4#Rom 11.6; Mat 20.7; 20.14 Na nea ɔyɛ nnwuma no de, wommu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no. 5Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no. 6Sɛnea Dawid nso ka sɛ nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu trenee ma no no dea,
7 # Nnw 32.1-2 sɛ:
Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn
na wɔn bɔne so akata.
8Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so.
9Ɛnne na nhyira yi ba twetiafo nko anaa momonotofo nso so? Efisɛ yɛka sɛ wobuu gyidi sɛ trenee maa Abraham. 10Na wobu maa no dɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafo mu, na mmom momonotoyɛ mu. 11#Gye 17.10-11 Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso, 12#Mat 3.9 na wayɛ twetiafo agya nso, a ɛnyɛ sɛ wofi twetiatwa mu nko, na mmom wotiatia yɛn agya Abraham gyidi a ɔwɔ, bere a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
Gyidi mu na wɔnam gye Nyankopɔn bɔhyɛ
13 # Gye 18.18; 22.17-18 Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so. 14Na sɛ wɔn a wofi mmara mu no yɛ adedifo a, na gyidi no ayɛ kwa, na bɔhyɛ adan ohunu; 15#Rom 3.20; 5.13; 7.8; 7.10 efisɛ mmara no twe abufuw ba. Na nea mmara bi nni no, mmarato nso nni hɔ. 16Enti efi gyidi mu, sɛ emfi adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n'asefo no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wofi mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wofi Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya gyidi mu no nso bi, 17#Gye 17.5 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufo bebree agya,) Onyankopɔn a ogyee no dii a onyan awufo na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no anim.
18 # Gye 15.5 Ɔno na faako a anidaso nni no, ogyina anidaso so gye dii, na wayɛ amanaman mufo bebree agya, sɛnea wɔaka no sɛ: Sɛnea w’asefo bɛyɛ ne no. 19#Gye 17.17 Na wanyɛ mmerɛw gyidi mu anhwɛ ne nipadua sɛ wadi mfirihyia bɛyɛ ɔha nti anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no; 20#Heb 11.8-11 na Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, wamfa ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, 21na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso. 22#Rom 4.3 Enti nso wobuu no sɛ trenee maa no.
23 # Rom 15.4 Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔakyerɛw eyi, sɛ wobuu no saa maa no, 24na mmom yɛn nso a yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di no, wobebu no saa ama yɛn; 25#Yes 53.4-5; 1 Ko 15.17 ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no.

Currently Selected:

Romafo 4: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in