Romafo 3
3
1Afei dɛn na Yudani anya aboro so, anaasɛ twetiatwa ho mfaso ne dɛn? 2#Rom 9.4; Deut 4.7-8; Nnw 147.19-20 Ɛdɔɔso akwan horow nyinaa mu: Nea edi kan ne sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ahyɛ wɔn nsa. 3#Rom 9.6; 11.29; 2 Tim 2.13 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu anaa? 4#Nnw 116.11; 51.4 Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu,
na wubu atɛn a, woadi nkonim.
5Na sɛ yɛn teɛ a yɛnteɛ yi na eyi Nyankopɔn trenee no kyerɛ a, yebese dɛn? Onyankopɔn nteɛ sɛ ɔde abufuw ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.) 6Dabida, sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bebu wiase atɛn dɛn? 7Na sɛ Onyankopɔn nokware da adi mmoroso wɔ m’atoro mu kɔ n’anuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfo, 8#Rom 6.1-2 Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛnea wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse: ) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛnea ɛfata.
9 #
Rom 1.18—2.24
Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase, 10#Nnw 14.1-3; 53.1-3 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.
11Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease,
obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.
12Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa ayɛ nea mfaso nni wɔn so,
obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.
13 #
Nnw 5.9; 140.3 Wɔn menewa yɛ ɔda a abue,
wɔde wɔn tɛkrɛma daadaa;
nhurutoa bɔre wɔ wɔn anofafa ase.
14 #
Nnw 10.7
Nnome ne ade nwenwene ahyɛ wɔn anom ma.
15 #
Yes 59.7-8
Wɔn anan yɛ hare, mogyahwiegu ho,
16Pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,
17na asomdwoe kwan de, wonnim.
18 #
Nnw 36.1
Onyankopɔn suro biara nni wɔn ani so.
19 #
Rom 2.12
Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu. 20#Nnw 143.2; Gal 2.16; Rom 7.7 Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.
Tenenee a ɛnam Kristo mu gyidi so ba
21 #
Aso 10.43
Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn trenee adi; ɛho adanse na mmara ne adiyifo di. 22Na ɛyɛ Onyankopɔn trenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidi so hyɛn wɔn a wogye di nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa so. Na nsonoe biara nni mu, 23#Rom 3.9; 3.19; 5.2 efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, 24#Rom 5.1; Efe 2.8 na wɔde n'adom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa. 25#Lew 16.12-15; Heb 4.16 Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti. 26Na ɔde akyerɛ ne trenee no wɔ ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.
27 #
1 Ko 1.29; 1.31 Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so. 28#Gal 2.16 Enti na yebu sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidi na ebu onipa bem.
29 #
Rom 10.12
Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara de? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi? Ampa, ɔyɛ amanaman mufo de nso. 30#Rom 4.11-12 Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem. 31#Rom 3.21; 4.3; 8.4; Mat 5.17 Ɛnne na yɛnam gyidi so tuu mmara no gui anaa? Dabida, na mmom yɛma mmara no ase atim.
Currently Selected:
Romafo 3: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.