Romafo 14
14
Mommmu atɛn
1 #
Rom 15.1; 1 Ko 8.9 Nea ɔyɛ mmerɛw gyidi mu no, munnye no, na mmom mo ne no nham wɔ nea n’adwene kyerɛ no ho. 2#Gye 1.29; 9.3 Obi gye di sɛ otumi di aduan biara bi; na nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi ahabannuan nko ara. 3#Kol 2.16 Nea odidi no mmmu nea onnidi animtiaa, na nea onnidi no mmmu nea odidi atɛn, na Onyankopɔn agye no. 4#Mat 7.1; Yak 4.11-12 Hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na Awurade betumi ama no agyina. 5#Gal 4.10 Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi. 6Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.
7Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho. 8#Gal 2.20; 1 Te 5.10 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Awurade dea. 9Na eyi nti na Kristo wui na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.
10 #
Aso 17.31; Mat 25.31-32; 2 Ko 5.10 Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim. 11#Yes 45.23; Flp 2.10-11 Na wɔakyerɛw sɛ:
Awurade se:
Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me,
na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din.
12 #
Gal 6.5
Enti afei yɛn nyinaa bebu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.
Nsiw okristoni biara nkɔso kwan
13Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua. 14#Mat 15.11; Aso 10.15; Tito 1.15 Minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ biribiara ankasa nyɛ fi; na nea obu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.
15 #
1 Ko 8.11-13
Na sɛ w’aduan nti wo nua werɛ how a, ɛnne ɛnyɛ ɔdɔ so na wonantew bio. Mfa w’aduan nsɛe nea Kristo sii n’ananmu wui no. 16#Tito 2.5 Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne! 17#Luka 17.20 Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye. 18Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no.
19 #
Rom 12.18; 15.2 Enti afei momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi. 20#Rom 14.14 Aduan nti nsɛe Onyankopɔn adwuma! Nneɛma nyinaa ho tew de, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi nea ɛto hintidua. 21#1 Ko 8.13 Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua. 22Wo de, wo gyidi a wowɔ no, kora so fa, Onyankopɔn anim! Nhyira ne nea ommu ne ho atɛn nea obu no sɛ eye no mu. 23#Tito 1.15 Na nea n’adwenem yɛ no naa no, sɛ odidi a, wadi fɔ; efisɛ emfi gyidi mu na odidi. Na biribiara a emfi gyidi mu no yɛ bɔne.
Currently Selected:
Romafo 14: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.