Romafo 11
11
Nyankopɔn mmɔborohunu a ɔwɔ ma Israel
1 #
Nnw 94.14; Yer 31.37; Flp 3.5 Na afei mise: Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida, na me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo mu, Benyamin abusuakuw mu. 2#1 Ah 19.10; 19.14 Onyankopɔn ntow ne man a ohuu wɔn siei no nkyenee. Anaasɛ munnim nea kyerɛw no ka fa Elia ho, sɛ ogyina Onyankopɔn anim bɔɔ Israelfo kwaadu? 3Sɛ: Awurade, w’adiyifo no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremuka nso, wɔadwiridwiriw, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me. 4#1 Ah 19.18 Na Onyankopɔn anom asɛm se no dɛn? Mama mmarima mpemnsɔn aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkotow Baal. 5#Rom 9.27 Saa ara na sesɛɛ bere yi mu nso nkae bi nam adom yi so aka. 6Na sɛ ɛnam adom so a, na emfi nnwuma mu bio, efisɛ ɛno de, anka adom nyɛ adom bio.
7 #
Rom 9.31
Ɛnne na ɛdɛn? Nea Israelfo hwehwɛ no, wɔannya; na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no koma apirim; 8#Yes 29.10; Deut 29.4 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko,
ani a wɔmmfa nnhu ade
ne aso a wɔmmfa nnte asɛm
de abedu nnɛ da yi.
9 #
Nnw 69.22-23
Na Dawid ka sɛ:
Ma wɔn didipon nyɛ apa, ne afiri
ne hintidua ne akatua mma wɔn;
10ma wɔn aniwa nnuru sum, na wɔanhu ade,
na kuntun wɔn akyi daa.
Amanaman mufo nkwagye
11 #
Aso 13.46; Rom 10.19 Na afei mise: Wohintiwii sɛ wɔnhwe ase anaa? Dabida, na mmom nkwagye nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman no de, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu. 12Na sɛ wɔn ntereho no dan wiase ahonya, na wɔn so huan dan amanaman ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛn saa dɛn ara! 13Na mo amanaman mufo na mekasa mekyerɛ mo: Esiane sɛ meyɛ amanaman mu somafo nti, mekamfo me som, 14#1 Tim 4.16 sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfo Yudafo no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa. 15Na sɛ wɔn tow a wɔtow wɔn kyenee no yɛ wiase mpata a, ɛdɛn na wɔn gye no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a efi owu mu anaa? 16Sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, tɔw no nyinaa yɛ bi; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, nnubaa no nso yɛ bi. 17#Efe 2.11-14; 2.19 Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a, 18#Yoh 4.22 nhoahoa wo ho nnubaa no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso ntini no, na ntini no na ɛso wo.
19Afei wobɛka se: Nnubaa no bubui sɛ wɔmfa me nhyɛ mu. 20Wiɛ, ogye a wɔannye anni nti na ebubui, na wo de, wode gyidi na egyina hɔ. Nnwen akokurokosɛm, na mmom suro! 21Na sɛ Onyankopɔn ankora nnubaa a efi dua no ankasa mu fifii no so a, ɔrenkora wo nso so. 22#Yoh 15.2; 15.4; Heb 3.14 Enti hwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe ase no dii no dennennen so, na wo de, Onyankopɔn kyerɛ ne ayamye no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamye no mu ara; anyɛ saa a, wobetwa wo nso akyene. 23#Eks 3.16 Na wɔn nso, sɛ wɔantena ogye a wonnye nni no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn betumi de wɔn ahyɛ mu bio. 24Na sɛ wɔatwa wo afi dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua ho, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa mu a, mpɛn ahe ara na wɔremfa eyinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu?
Onyankopɔn hu nnipa nyinaa mmɔbɔ
25 #
Luka 21.24; Yoh 10.16 Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ; 26#Mat 23.39; Yes 59.20; 27.9; Nnw 14.7 na ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Ogyefo no befi Sion aba
abetu amumɔyɛsɛm ase afi Yakob ho.
27 #
Yer 31.33-34
Na apam a me ne wɔn bɛpam
bere a meyi wɔn bɔne makɔ no ni.
28Asɛmpa no fam de, mo nti wɔyɛ atamfo, na eyi no fam de, agyanom no nti wɔyɛ adɔfo; 29efisɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛde na ɔfrɛ no a ɔnntwe nsan. 30Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gye a wonnye nni no so ahu mo mmɔbɔ no, 31saa ara nso na seisei eyinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔbɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔbɔ bi. 32#Gal 3.22; 1 Tim 2.4 Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ ogye a wonnye nni no ase sɛ obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ.
Ayeyi nka Nyankopɔn
33 #
Rom 9.23; 10.12; Yes 45.15 O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. 34#Yes 40.13; Hiob 15.8; Yer 23.18; 1 Ko 2.16 Na hena na wahu Awurade adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo? 35Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka? 36Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.
Currently Selected:
Romafo 11: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: