Romafo 10
10
1Anuanom, me koma mu ade a mepɛ ne me nkotɔ a mekotɔ mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ wobenya nkwa. 2Na midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho mmɔdemmɔ de, nanso wonni no nimdeɛ mu. 3#Rom 9.31-32 Na wonnim Nyankopɔn trenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn trenee ase ɛ. 4#Mat 5.17; Heb 8.13; Yoh 3.18 Na Kristo ne mmara no awiei a ɛma wɔn a wogye di nyinaa kɔ trenee mu.
Nkwagye wɔ hɔ ma obiara
5 #
Lew 18.5
Na Mose kyerɛw trenee a efi mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a odi eyi so no benya mu nkwa. 6#Deut 30.12-13 Na sɛ trenee a efi gyidi mu no ka ni: Nka wo koma mu sɛ: Hena na ɔbɛforo akɔ ɔsoro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo besian); 7anaasɛ hena na obesian akɔ ebun mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo befi awufo mu aba). 8#Deut 30.14 Na mmom ese dɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anom ne wo koma mu, (ɛne gyidi asɛm a yɛbɔ ho dawuru no). 9#Eks 4.5 Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10Na koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.
11 #
Yes 28.16
Na kyerɛw no se: Obiara a ogye no di no ani renwu. 12#Aso 10.34; 15.9 Na nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. 13#Yoel 2.32 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.
14Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? 15#Yes 52.7 Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!
16 #
Yes 53.1
Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi? 17#Yoh 17.20 Ɛnne afei na gyidi no fi asɛm no tie mu, na otie no nam Kristo ho asɛm so ba.
18 #
Nnw 19.4
Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate,
wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so,
na wɔn nsɛm duu wiase ano.
19 #
Deut 32.21
Na mebisa bio sɛ: Israel anhu? Mose na odi kan ka sɛ:
Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu,
mede ɔman a wonnim hwee beyi mo abufuw.
20 #
Yes 65.1
Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ:
Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me,
na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyi kwan.
21 #
Yes 65.2
Na Israelfo ho de, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛw me nsam memaa ɔman asoɔdenfo nyiyianofo.
Currently Selected:
Romafo 10: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: