Mmebusɛm 8
8
Nyansa kamfo ne ho
1 #
Mmb 1.20-33
Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm,
na ntease ma ne nne so?
2Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so,
nkwanta so na ogyinae,
3na ɔteɛm aponkɛse ho,
kurotia, abobow ano sɛ:
4Mo mmarima na meteɛm mefrɛ mo,
na me nne gyigye ma nnipa mma.
5Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew,
na mo, nkwasea, munnya nhumu koma.
6Muntie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ,
na m’anom bue de nsɛm a ɛteɛ ba;
7na nokware fi m’anom,
na m’ano akyide ne abɔnefosɛm;
8m’anom nsɛm nyinaa nam trenee mu,
ade a akyim anaasɛ ɛkyea nni mu;
9ne nyinaa mu da hɔ ma nhumufo,
na ɛteɛ ma wɔn a wɔahu nimdeɛ.
10 #
Mmb 3.14
Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ,
na momfa nimdeɛ, na munnyaw sika a wɔayiyi mu.
11Na nyansa ye sen mmota,
na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.
12Me, nyansa, me ne anitew na ɛte,
na adwempa ne nimdeɛ na mihu.
13 #
Mmb 6.12-19
AWURADE suro ne bɔne tan.
Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne
ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.
14Afotu ne nyansahu wɔ me,
mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.
15 #
Mmb 16.12; Ɔsɛ 10.16 Me so na ahene nam di hene,
na atitiriw hyɛ mmara trenee;
16me so na mpanyimfo nam di panyin,
ne abirempɔn, ne asase so atemmufo nyinaa.
17Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me,
na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.
18 #
Mmb 3.16
Ahonyade ne anuonyam wɔ me hɔ,
ahode a ɛkyɛ ne trenee.
19M’aba ye sen sika ne amapa,
na me nnɔbae sen dwetɛ a wɔayiyi mu.
20Trenee tempɔn mu na menam,
atemmu akwan so pɛ,
21sɛ merema m’adɔfo adi ade,
na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.
22 #
Hiob 28.27
AWURADE bɔɔ me de fii n’adwuma ase,
ne nnwuma a efi teteete no mu adikan,
23ɔde me sii hɔ fii tete bemee,
fii mfiase ansa na asase reba.
24Abun nni hɔ no, na wɔawo me,
nsuti a ɛba nsu pii nni hɔ no;
25wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ,
na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me;
26onnya nyɛɛ asase ne wura,
ne wiase mfutuma no.
27 #
Hiob 26.10
Osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ,
bere a otwaa abun ani kɔntɔnkrɔn no;
28ɔde amununkum sensɛn soro pintinn,
na bun mu nsuaniwa paee dennen,
29 #
Hiob 38.10-11; Nnw 104.9 otwaa ɛpo hye, na nsu antra,
na ɔde asase nhyɛase too hɔ no,
30na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin
na meyɛ n’adɔde daa daa;
m’ani gye n’anim bere nyinaa mu,
31 #
Deut 33.3
m’ani gye ne wiase asase so,
na m’ani ka nnipa mma mu.
32Na afei, mma, muntie me,
na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so.
33Muntie nteɛso na munhu nyansa,
na monntew atua.
34Nhyira ne onipa a otie me
na ɔwɛn m’apon ano daa daa,
na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so:
35 #
Mmb 3.2
Na nea ohu me no hu nkwa,
na onya AWURADE hɔ anisɔ;
36na nea ɔfom me no di ne kra aboro,
wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.