Mmebusɛm 20
20
Potwaa ne sadoi
1 #
Mmb 23.29-35; 31.5 Nsa yɛ ɔfɛwdifo, mmorosa yɛ otutupɛfo,
na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.
2 #
Mmb 16.14; 19.12 Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom,
nea oyi no abufuw no yɛ ne kra bɔne.
3Ɛyɛ ɔbarima anuonyam sɛ ɔtwe ne ho fi ɔham mu,
na agyimifo de, wɔpɛ ntɔkwaw.
4 #
Mmb 6.6-8
Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw,
enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi,
nso ɔrennya hwee.
5 #
Mmb 18.4
Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ,
nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.
6Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ,
na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no?
7 #
Mmb 14.26; Nnw 112.2 Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu,
wobehyira ne mma wɔ n’akyi.
8 #
Nnw 101.3-8
Ɔhene a ɔte asenni agua so
de n’aniwa huw bɔne nyinaa so.
9 #
Mmb 28.13; 30.12 Hena na ɔbɛka se:
Matew me koma mu,
me ho afi afi me bɔne ho?
10 #
Mmb 20.23; 11.1 Abrammo#20.10 ABRAMMO: Ɛyɛ tete kwan bi a wɔde hu ade bi mu duru. ahorow, susukorow ahorow,
n’abien nyinaa yɛ AWURADE akyide.
11 #
Mmb 22.6
Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no,
sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.
12Aso a ɛte ne aniwa a ehu,
AWURADE na ɔyɛɛ n’abien nyinaa.
13 #
Mmb 6.10
Mpɛ nna, na woanni hia,
bue w’ani, na aduan bɛmee wo.
14Ɛmfra, ɛmfra! Sɛ ɔtɔfo se ne no,
na ɔdan ne ho kɔ a, na ɔhoahoa ne ho.
15Sika wɔ hɔ, na nhene pa pii wɔ hɔ,
na nimdeɛ ano yɛ adwinni a ne bo yɛ den.
16 #
Mmb 6.1-5; 27.13 Nea odi ɔhɔho agyinam no, fa ne ntama,
na nea odi ɔnanani akagyinam no, gye no awowa.
17 #
Mmb 9.17
Aduan a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ,
nanso akyiri no, mmosea yɛ n’anom ma.
18 #
Mmb 24.6
Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina,
na fa atɛmpa kyere ɔsa.
19Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi,
na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.
20 #
Eks 21.17
Nea ɔdome n’agya ne ne na no,
ne kanea bedum sum kabii mu.
21Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no,
akyi renwie nhyira.
22 #
Mmb 24.29; Rom 12.17-19 Nka sɛ:
Mɛhyɛ bɔne ananmu.
Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.
23 #
Mmb 20.10
AWURADE akyide ne abrammo ahorow,
na nsisi nsenia nso nye.
24Onipa anammɔntu fi AWURADE,
na ɛbɛyɛ dɛn na onipa behu n’akwan mu?
25Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron,
na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.
26 #
Nnw 101.8
Ɔhene nyansafo huw abɔnefo so,
na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.
27 #
1 Ko 2.11
AWURADE kanea ne onipa ahome,
ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.
28 #
Mmb 16.12
Adɔe ne nokware hwɛ ɔhene so,
na adɔe so na n’agua tim.
29 #
Mmb 16.31
Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,
na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.
30Akuturuku a epira popa bɔne,
na ɔhwe popa yafunu mpia mu.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.