Numeri 26
26
Wɔkan awo ntoatoaso foforo no
1Na ɔhaw no akyi no AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ: 2#Num 1.2-47 Monkan Israelfo asafo no nyinaa dodow mfi nea wadi mfirihyia aduonu so mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanyimfi te, Israel mu nnipa a wotumi kɔ ɔsa nyinaa. 3Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ wɔn, Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ: 4Kan wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu de rekɔ no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfo a wofi Misraim asase so bae no.
5 #
Gye 46.8-27; 1 Be 4.7 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfo abusua; Palu de, Palufo abusua; 6Hesron de, Hesronfo abusua; Karmi de, Karmifo abusua. 7Eyinom ne Rubenfo mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan abiɛsa ne ahansɔn aduasa. 8Na Palu mma: Eliab; 9#Deut 16 na Eliab mma: Nemuel ne Datan ne Abiram. Eyinom ne Datan ne Abiram, asafo no mu aguasemfo a wɔne Mose ne Aaron hamee Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hamee no mu; 10na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne. 11Nanso Kora mma de, wɔanwuwu.
12Simeon mma, sɛ wɔn mmusua te: Nemuel de, Nemuelfo abusua; Yamin de, Yaminfo abusua; Yakin de, Yakinfo abusua; 13Sera de, Serafo abusua; Saul de, Saulfo abusua. 14Eyinom ne Simeonfo mmusua. Wosi ɔpeduonu abien ne ahanu.
15Gad mma, sɛ wɔn mmusua te: Sefon de, Sefonfo abusua; Hagi de, Hagifo abusua; Suni de, Sunifo abusua; 16Osni de, Osnifo abusua; Eri de, Erifo abusua; 17Arod de, Arodfo abusua; Areli de, Arelifo abusua. 18Eyinom ne Gad mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduanan ne ahanum.
19 #
Gye 38.7, 10 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwui Kanaan asase so. 20Na Yuda mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sela de, Selafo abusua; Peres de, Peresfo abusua; Sera de, Serafo abusua. 21#Rut 4.18 Na Peres mma ni: Hesron de, Hesronfo abusua; Hamul de, Hamulfo abusua. 22Eyinom ne Yuda mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduɔsɔn asia ne ahannum.
23Isakar mma, sɛ wɔn mmusua te: Tola de, Tolafo abusua; Puwa de, Puwafo abusua; 24Yasub de, Yasubfo abusua; Simron de, Simronfo abusua. 25Eyinom ne Isakar mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia anan ne ahasa.
26Sebulon mma, sɛ wɔn mmusua te: Sered de, Seredfo abusua; Elon de, Elonfo abusua; Yahleel de, Yahleelfo abusua. 27Eyinom ne Sebulon mmusua sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia ne ahanum.
28Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te: Manase ne Efraim. 29#Yos 17.1-3 Manase mma: Makir de, Makirfo abusua; na Makir woo Gilead; Gilead de, Gileadfo abusua. 30Gilead mma ni: Yeser, Yeserfo abusua; Helek de, Helekfo abusua; 31ne Asriel, Asrielfo abusua; ne Sekem, Sekemfo abusua; 32ne Semida, Semidafo abusua; ne Hefer, Heferfo abusua; 33#Deut 27.1 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mmabea; na Selofehad mmabea din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34Eyinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduonum abien ne ahanson.
35Efraim mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sutela de, Sutelafo abusua; Beker de, Bekerfo abusua; Tahan de, Tahanfo abusua. 36Na Sutela mma ni: Eran de, Eranfo abusua. 37Eyinom ne Efraim mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduasa abien ne ahanum. Eyinom ne Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te.
38Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te: Bela de, Bela abusua; Asbel de, Asbel abusua; Ahiram de, Ahiram abusua; 39Sefufam de, Sefufam abusua; Hufam de, Hufam abusua. 40Na Bela mma ne Ard ne Naaman; Ard de, Ard abusua; Naaman de, Naaman abusua. 41Eyinom ne Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahansia.
42Dan mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Suham de, Suhamfo abusua. Eyinom ne Dan mmusua, sɛ wɔn mmusua te. 43Suhamfo mmusua nyinaa sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te si ɔpeduosia anan ne ahannan.
44Aser mma, sɛ wɔn mmusua te: Yimna de, Yimnafo abusua; Isui de, Isuifo abusua; Beria de, Beriafo abusua; 45Beria mma de: Heber de, Heberfo abusua; Malkiel de, Malkielfo abusua. 46Na Aser babea din de Sera. 47Eyinom ne Aser mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te: ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan.
48Naftali mma, sɛ wɔn mmusua te: Yakseel de, Yakseelfo abusua; Guni de, Gunifo abusua; 49Yeser de, Yeserfo abusua; Silem de, Silemfo abusua. 50Eyinom ne Naftali mmusua, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahanan.
51Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn no: ɔpehansia ne baako, ahansɔn aduasa.
Asase no kyɛ ho nhyehyɛe
52Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 53Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te. 54Abusuakuw a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na nea esua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛnea obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano te na wɔmma no n'agyapade. 55#Num 33.54; Yos 14.2 Nanso ntonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wonnye wɔn kyɛfa no sɛnea wɔn agyanom mmusuakuw no din te. 56Ntonto so na wɔmfa nkyɛ agyapade mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wosua.
Lewifo mmusua
57 #
Eks 6.16-25
Na Lewifo a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te ni: Gerson de, Gersonfo abusua; Kohat de, Kohatfo abusua; Merari de, Merarifo abusua. 58Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua, Hebronfo abusua, Mahlifo abusua, Musifo abusua, Korafo abusua. Na Kehat woo Amram. 59Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam maa Amram. 60Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar maa no; 61#Lew 10.1-2 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wowuwui. 62Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduonu abiɛsa, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfo, na wɔamma wɔn agyapade Israelfo mu.
Kaleb ne Yosua
63Eyinom ne wɔn a Mose ne ɔsɔfo Eleasar kenkan wɔn, ɔkan a wɔkan Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no. 64#Num 3.1-39 Nso ɔbarima biara mfra eyinom mu a ofi nnipa a Mose ne ɔsɔfo Aaron kan wɔn, bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no mu, 65#Num 14.22-38 efisɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ owu na wobewuwu sare so, na wɔn mu biara anka, sɛ Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.