Numeri 20
20
Meriba nsu no
1 #
Num 13.21
Na Israelfo asafo mu no nyinaa baa Sin sare so, ɔsram a edi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wui wɔ hɔ, na wosiee no hɔ ara.
2 #
Eks 17.1-7
Nso na nsu nni hɔ mma asafo no, na wohyia tiaa Mose ne Aaron. 3Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkae sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛn nuanom wuwui AWURADE anim no, yewuwui bi. 4Na ɛdɛn nti na mode AWURADE man asafo aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa yi? 5Na ɛdɛn nti na muyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba nea enye yi, nea wontumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne ateaa nni, na nsu po a wɔnom nni yi? 6#Deut 14.10 Na Mose ne Aaron fii asafo no anim baa ahyiae ntamadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuw fam; na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn.
7Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 8Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monhyɛ ɔbotan no wɔn anim, sɛ ɔmma ne nsu, na yi ɔbotan no mu nsu ma wɔn, ne wɔn asafo ne wɔn mmoa nnom. 9Na Mose faa poma no fii AWURADE anim, sɛnea ɔhyɛɛ no no; 10#Nnw 106.33 na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Muntie ɛ, mo atuatewfo, so yenyi nsu mfi ɔbotan yi mu mma mo? 11Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mpɛn abien, na nsu pii fii mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee. 12#Deut 27.14; Deut 1.37; 3.26; 4.21; 32.51 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me anni, na moanyɛ me kronkron, Israelfo anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnu asase a mede mama wɔn no so. 13#Nnw 81.7 Eyi ne Meriba#20.13: MERIBA: Ase ne: Ɔham asu, efisɛ Israelfo ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.
14 #
Gye 32.3; Ate 11.17; Deut 23.7 Na Mose somaa abɔfo fi Kades kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel se ni: Wo ara wunim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa, 15sɛ yɛn agyanom sian kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfo yɛɛ yɛn ne yɛn agyanom bɔne; 16#Eks 23.20 na yesu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfo beyii yɛn fii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kurow a ɛwɔ wo hye so mu. 17#Deut 21.22 Ma yɛmfa w'asase so; yɛremfa mfuw ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsu bi; yɛbɛnantew ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremman nifa anaa benkum de bɛkɔ akosi sɛ yebetwam w'asase so. 18Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me ha, na mamfa nkrante mamfi adi mammehyia wo. 19Na Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ɔtempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsu bi a, yebetua ka; ɛnyɛ asɛm bi, na me nan nko na ma memfa mintwam. 20Na ose: Mommetwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den fii adi behyiaa wɔn. 21Na Edom kamee Israel kwan a ɔde betwam n'asase so. Enti Israel man fii ne ho.
22Na Israelfo asafo mu no nyinaa tu fii Kades, na wɔbaa Hor bepɔw ho. 23Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔw ho, Edom asase hye so sɛ: 24Aka kakraa bi na Aaron atiw ne mpanyimfo, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfo no so, efisɛ moyɛɛ asoɔden maa m'anom asɛm, Meriba asu ho. 25Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔw, 26#Lew 21.10 na yi Aaron ntade no fa hyɛ ne ba Eleasar, onwu wɔ hɔ na ontiw ne mpanyimfo wɔ hɔ. 27Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔw, asafo no nyinaa anim. 28#Num 33.38; Deut 10.6 Na Mose yiyii Aaron ntade no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wui ɛhɔ wɔ bepɔw no atifi. Na Mose ne Eleasar fii bepɔw no so sianee. 29Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.