YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 9

9
Obubuafo bi ayaresa
(Marko 2.1-12; Luka 5.17-26)
1 # Mat 4.13 Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom. 2Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. 3#Mar 2.7 Na hwɛ, kyerɛwfo no mu binom kae wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. 4#Mat 12.25; Yoh 2.25 Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu? 5Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew? 6Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi! 7Na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi. 8Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.
Mateo frɛ
(Marko 2.13-17; Luka 5.27-32)
9Na Yesu fi hɔ retwam no, ohuu onipa bi a ɔte atowgyei a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. 10Na ɛbae sɛ ɔte adidii wɔ fie no, hwɛ, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii bae ne Yesu ne n’asuafo no bɛtenaa adidii. 11#Luka 15.2 Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi? 12Na ɔtee no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no. 13#Hos 6.6; 1 Sa 15.22 Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.
Mmuadadi
(Marko 2.18-22; Luka 5.33-38)
14 # Luka 18.12 Ɛnna Yohane asuafo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada? 15#Yoh 3.29 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada. 16#Yoh 1.17 Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse. 17Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye.
Yairo babea ne ɔbea bi ayaresa
(Marko 5.22-43; Luka 8.41-56)
18Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa. 19Na Yesu sɔre ne n’asuafo no dii n’akyi.
20Na hwɛ, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atade ano nnwow. 21#Mat 14.36 Na ɔbea no kae ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den. 22Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.
23Na Yesu duu ɔpanyin no fi na ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye no, 24#Yoh 11.11; 11.14; 11.25 ɔkae sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔserew no. 25Na ɔpam nkurɔfokuw no fii adi no, ɔkɔɔ mu kosoo ne nsa, na ababaa no nyanee. 26Na eyi ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.
Anifuraefo baanu adehu
27Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ! 28Na oduu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn; na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mugye di sɛ metumi mayɛ eyi? Wɔbuaa no sɛ: Yiw, owura. 29#Mat 8.13 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn aniwa kae sɛ: Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa mma mo! 30#Mat 8.4 Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante! 31Na wɔn de, wofii hɔ no, wɔde ne ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.
Ɔbɔdamfo mum bi ayaresa
32Na wɔrefi adi no, hwɛ, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ no so brɛɛ no. 33Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel. 34#Mat 12.24 Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne.
Atimmɔbɔ
35 # Mat 4.23 Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. 36#Mat 14.14; Mar 6.34; Hes 34.5 Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo. 37#Luka 10.2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. 38Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!

Currently Selected:

Mateo 9: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in