YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 8

8
Ɔkwatani bi ahofi
(Marko 1.40-44; Luka 5.12-14)
1Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi. 2Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. 3Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no gyaee. 4#Mat 9.30; Mar 7.36; Luka 17.14; Lew 14.2-32 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.
Akoa bi ayaresa
(Luka 7.1-10)
5Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no 6sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo. 7Na Yesu see no sɛ: Mɛba mabɛsa no yare. 8Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den. 9Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ. 10#Mat 15.28 Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn. 11#Yes 49.12; Luka 13.28-29 Na mise mo sɛ, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii ɔsoro ahenni mu; 12#Mat 22.13; 24.51; 25.30 na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 13#Mat 9.29; 15.28 Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no.
Petro n’ase ayaresa
(Marko 1.29-34; Luka 4.38-41)
14 # 1 Ko 9.5 Na Yesu baa Petro fi no, obehuu n’asebea sɛ ɔda hɔ yare atiridii. 15Na osoo ne nsa, na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre som no.
Yesu sa nyarewa ahorow
16Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare. 17#Yes 53.4 Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa.
Yesu akyidi
(Luka 9.57-60)
18 # Mar 4.35; Luka 8.22 Na Yesu huu nkurɔfo akuwakuw pii wɔ ne ho no, ɔhyɛe sɛ wɔbɛkɔ asuogya noho. 19Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi. 20#2 Ko 8.9 Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to. 21#1 Ah 19.20 Na asuafo no mu ɔfoforo bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa. 22Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo!
Ahum asebrɛ
(Marko 4.36-41; Luka 8.23-25)
23Na ɔtenaa ɔkorow no mu no, n’asuafo no dii n’akyi. 24Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada. 25Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera! 26#Mat 14.31; 16.8 Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn. 27Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Ahonhommɔne
(Marko 5.1-17; Luka 8.26-37)
28Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so. 29#Luka 4.41; 2 Pe 2.4 Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa? 30Nanso na mprakokuw bi redidi akyirikyiri. 31Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wutu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuw yi mu. 32Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu. 33Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe. 34Na hwɛ, kurom hɔfo no nyinaa fii adi sɛ wɔrebehyia Yesu; na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn hye so hɔ nkɔ.

Currently Selected:

Mateo 8: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in