Mateo 19
19
Yesu fi Galilea
(Marko 10.1-12)
1Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ofii Galilea, na ɔbaa Yudea ahye so Yordan agya. 2Na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi; na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.
Awaregyae ho asɛmmisa
3 #
Mat 5.31-32
Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa? 4#Gye 1.27 Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, 5#Gye 2.24 na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? 6#1 Ko 7.10-11 Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu! 7#Deut 24.1 Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no? 8Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa. 9#Luka 16.18 Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.) 10Asuafo no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa de a, na enye sɛ wɔware. 11#1 Ko 7.7; 7.17 Na osee wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn. 12Nnipa bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn sɛ asigyafo fi wɔn na yam, na asigyafo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na asigyafo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye asɛm a maka no, ma onnye.
Yesu hyira mmofra
(Marko 10.13-16; Luka 18.15-17)
13Ɛno na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; na asuafo no kaa nnipa a wɔde wɔn bae no anim. 14#Mat 18.2-3 Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. 15Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ofii hɔ kɔe.
Daa nkwa
(Marko 10.17-31; Luka 18.18-30)
16Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa? 17#Luka 10.26-28 Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so! 18#Eks 20.12-16 Obisaa Yesu se: Nea ɛwɔ he? Na Yesu se: Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! 19#Lew 19.18 Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 20Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na aka me bio? 21#Mat 6.20; Luka 12.33 Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi! 22#Nnw 62.10 Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree. 23Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.
Ahonyade ho mmusu
24 Na bio mise mo sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane tokuru mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu. 25Na n’asuafo no tee no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw pii na wɔkae sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa? 26Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.
Ahopakyi
27Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya? 28#Luka 22.30 Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. 29#Heb 10.34 Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa. 30#Mat 20.16; Luka 13.30 Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.
Currently Selected:
Mateo 19: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.