Lewitikɔs NHYƐNMU
NHYƐNMU
Lewitikɔs mu no, yehu afahyɛ ahorow a ɛwɔ tete Israel, na ɛyɛ asɔfo no asɛde sɛ wɔhwɛ ma ɔmanfo no di ɛho mmara no so.
Nhoma no botae titiriw ne sɛ nnipa no behu Onyankopɔn kronkronyɛ, ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so som no, na wɔtena ase ne no nya nkitahodi a emu yɛ den.
Nhoma no mu nsɛm titiriw ne nea Yesu frɛ no mmara nsɛm a ɛto so abien a yehu wɔ Ti 19.18 a ɛka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.
EMU NSƐM
Mmara a ɛfa ɔma ne afɔrebɔ ho 1.1—7.38
Aaron ne ne mma asɔfohyɛ 8.1—10.20
Mmara a ɛfa nhyehyɛe a ɛma ahotew ne nea ɛho ntew ho. 11.1—15.33
Mpatada 16.1-34
Mmara a ɛfa ahotew bra ne ɔsom ho 17.1—27.34
Currently Selected:
Lewitikɔs NHYƐNMU: RATB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.