YouVersion Logo
Search Icon

Lewitikɔs 16

16
Mpata Da
1 # Lew 10.1-2 Na Aaron mma baanu no wu a wɔbaa AWURADE anim na wowui no akyi no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, 2na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ, ɔnnhyɛn kronkronbea hɔ nnkɔ mmɔhɔɔ no akyi, mpata agua a ɛwɔ adaka no so no anim, bere nyinaa mu, na wanwu, efisɛ omununkum no mu na miyi me ho mekyerɛ, mpata agua no so. 3#Lew 4.3; 1.10 Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre. 4#Eks 28.39, 42-43 Ɔnhyɛ nwera atade kronkron no, na nwera ntwakoto nkata ne ho, na nwera abomu no mmɔ n'asen, na ɔmmɔ nwera abotiten no, ɛne ntade kronkron no; ɔmfa nsu nguare ne ho ansa na ɔnhyɛ. 5Na onnye Israel asafo no hɔ mpapo abien, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre. 6#Heb 7.27 Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra, na ɔmfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi. 7Na ɔmfa mpapo abien no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. 8#Lew 16.20-22; Mat 12.43 Na Aaron mmɔ mpapo abien no so ntonto, AWURADE ntonto biako ne Asase ntonto biako. 9Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE ntonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre. 10Na ɔpapo a Asasel#16.10 ASASEL: Wotumi de gyina hɔ ma ɔpapo a wɔagyae mmusu agu no so na wɔagyae no ma ɔkɔ wuram anaasɛ beae a ɔpapo a wɔagyae mmusu agu no so no rekɔ no. ntonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wonkogyaa no nkɔ sare so mma Asasel.
11Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra mfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi, na onkum bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no. 12Na ɔmfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, AWURADE anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; 13na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu. 14Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsatea nka mpete mpata agua no so anim fam, na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete mpata agua no anim hɔ mpɛn asɔn.
15 # Rom 3.25 Na onkum bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman de no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛnea ɔde nantwinini no mogya yɛe no, na ɔmfa mpete mpata agua no so ne mpata agua no anim, 16#Lew 17.11 na ɔmpata mma kronkronbea no Israelfo no afide, ne wɔn mmara a wɔto, ne wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiae ntamadan a esi wɔn mu esiane wɔn afide no nti. 17Na onipa biara nntena ahyiae ntamadan no mu, bere a ɔhyɛn hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kosi sɛ obefi adi a wapata ama n'ankasa ne ne fi ne Israelfo asafo nyinaa. 18#Eks 30.10 Na omfi adi mmra afɔremuka a esi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔremuka no mmɛn ho nhyia, 19na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete so mpɛn asɔn, na ɔntew ho nyɛ no kronkron mfi Israelfo no afide mu.
20Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiae ntamadan ne afɔremuka no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. 21Na Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfo no mfomso nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛ wɔn bɔne nyinaa te no ngu ɔpapo no so, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkogyaa no nkɔ sare so, 22na ɔpapo no nsoa wɔn mfomso nyinaa mfa nkɔ asase fo so, na onkogyaa ɔpapo no sare so.
23Na Aaron nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, na onyi nwera atade a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na onnyaw wɔ hɔ. 24Na ɔmfa nsu nguare ne ho, nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntade na omfi adi nkɔbɔ ne hyew afɔre ne ɔman no hyew afɔre, na ɔmpata mma n'ankasa ne ho ne ɔman no. 25Na ɔnhyew bɔne ho afɔre srade no afɔremuka no so. 26Na nea ɔde ɔpapo no kɔe kogyaa no maa Asasel#16.26 ASASEL: Ɛyɛ afɔrebɔ guan a wɔde no yɛ ogye ma afoforo. no nhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu. 27#Lew 4.12; 6.30; Hes 43.21; Heb 13.11 Na bɔne ho afɔre nantwinini ne bɔne ho afɔre papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpatae no, wɔmfa wɔn mfi nkɔ nsra no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. 28Na nea ɔkɔ kɔhyewee no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu.
29Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. 30#Heb 10.3 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho atew afi mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. 31Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase; ɛyɛ daa ahyɛde. 32Na mpata no, ɔsɔfo a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ onni sɔfo nsi n'agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntade no, ntade kronkron no, 33na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no, na ɔmpata mma asɔfo no ne ɔman asafo mu no nyinaa. 34#Lew 23.26-32; Deut 29.7-11; Heb 9.6-14 Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde, na wɔde apata ama Israelfo no afi wɔn bɔne nyinaa mu pɛnkoro daa afirihyia. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no.

Currently Selected:

Lewitikɔs 16: RATB

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in