Yosua 12
12
Nsaase a Mose fae no so ahene baanu no
1Na eyinom ne asase no so ahene a Israelfo no kunkum wɔn na wodii wɔn asase so wɔ Yordan agya owiapuei hɔ, fi Arnon subon ho de kosi Hermon bepɔw ho ne Araba a ɛwɔ apuei no nyinaa so: 2#Num 21.24 Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a odii hene fi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so ne subon no mfinimfini ne Gilead fa de kosi Yabok subon a ɛne Amonfo hye no ano, 3ne Araba so de kosi Kinerot po no ano apuei fam, na ɛde kosi Araba so po no a ɛne Nkyene-Po no ano, apuei Bet-yesimot kwan so, ne nifa fam Pisga bepɔw ase no; 4#Num 21.33; Deut 3.11 ne Basan hene Og a ofi abran akɛse a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no. 5Na odii hene Hermon bepɔw so ne Salka ne Basan nyinaa de kosi Gesurfo ne Maakatfo hye so, ne Gilead fa, Hesbonhene Sihon hye ho. 6#Num 32.33 AWURADE akoa Mose ne Israelfo no kaa wɔn gui, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no ma wodii so.
Ahene a Yosua kum wɔn
7Na eyinom ne asase no so ahene a Yosua ne Israelfo kunkum wɔn Yordan agya atɔe fam, fi Baal-gad a ɛda Lebanon bon no mu de kosi bepɔw a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw sɛ wonni so, sɛ wɔn nkyekyem no te, 8#Yos 11.3 mmepɔw no so ne po ho asasetaw so ne Araba so ne mmepɔw no ase ne sare no so ne nifa no: Hetifo, Amorifo ne Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase no. 9#Yos 6.2; 8.29 Yeriko hene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene, 10#Yos 10.1, 3 Yerusalem hene, Hebron hene, 11#Yos 10.3 Yarmut hene, Lakis hene, 12#Yos 10.3, 26, 33 Eglon hene, Gesar hene, 13#Yos 10.39; Ate 1.11 Debir hene, Geder hene, 14#Ate 1.17; Num 21.1 Horma hene, Arad hene, 15#Yos 10.29-30 Libna hene, Adulam hene, 16#Yos 10.28 Makeda hene, Betel hene, 17Tapua hene, Hefer hene, 18#Yos 15.53; 1 Sa 4.1 Afek hene, Saron hene, 19#Yos 11.1, 10 Madon hene, Hasor hene, 20#Yos 11.1 Simron-meron hene, Aksaf hene, 21Taanak hene, Megido hene, 22Kedes hene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene, 23#Yos 11.2 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene, 24Tirsa hene, ahene no nyinaa ano si aduasa biako.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.