YouVersion Logo
Search Icon

Yakobo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Nhoma a efi Yakobo hɔ no yɛ nhyehyɛe a wɔde yɛ adwuma a wɔaboaboa ano. Ɔkyerɛw de ma “Onyankopɔn nkurɔfo a wɔabɔ ahwete wɔ asase so nyinaa”. Ɔkyerɛwfo no nam kasakoa a emu da hɔ so kyerɛ nyansa akwankyerɛ a ɛfa Kristosom su ne nneyɛe ho. Ɔhwɛ nneɛma bi fi sɛnea Kristosom adwene yɛ wɔn wɔ ahonya ne ohia, sɔhwɛ, suban pa, adwenehunu a wɔnya tia afoforo, gyidi ne nnwuma, sɛnea wɔde tɛkrɛma yɛ adwuma, nyansa, ntɔkwapɛ, ahantan ne ahobrɛase, atemmu a wɔde bu afoforo, ahohoahoa, ntɔboase ne mpaebɔ ho.
Nhoma no si hia a ehia sɛ wɔde nnwuma bata gyidi ho, ne nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma wɔ Kristosom mu so dua.
EMU NSƐM
Mfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1
Gyidi ne nyansa 1.2-8
Ohia ne ahonya 1.9-11
Nsɔhwɛ ne sɔhwɛ 1.12-18
Osetie ne ɔyɛ 1.19-27
Nyiyimu ho kɔkɔbɔ 2.1-13
Gyidi ne nnwuma 2.14-26
Kristoni ne ne tɛkrɛma 3.1-18
Kristoni ne wiase 4.1—5.6
Nhyehyɛe ahorow 5.7-20

Currently Selected:

Yakobo NHYƐNMU: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in