Hosea 6
6
Ahonu ho ɔfrɛ
1 #
Hos 5.14
Mommra mma yɛnsan nkɔ AWURADE nkyɛn,
na ɔno na watetew yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yare,
ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
2 #
Deut 32.39
Nnanu akyi no, ɔbɛkanyan yɛn,
da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛasɔre
na yɛanya n’anim nkwa.
3Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no;
wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee,
na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu,
sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.
4Dɛn na menyɛ wo, Efraim?
Dɛn na menyɛ wo, Yuda?
Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum,
na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.
5 #
Yer 23.29
Enti menam adiyifo no so mabubu wɔn,
na mede m’anom nsɛm makum wɔn,
na m’atemmu ayi adi sɛ hann.
6 #
1 Sa 15.22; Mat 9.13; 12.7 Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ,
ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.
Israel asɛe apam
7 #
Gye 3.6
Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam,
ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.
8Gilead yɛ mmusubɔfo kurow
a mogya akeka mu.
9Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa,
wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem;
yiw, abusude na wɔyɛ.
10 #
Hos 5.3
Mahu ahodwiriwde Israel fi,
ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi.
11 #
Yoel 3.13; 3.1 Yuda nso, wɔahyɛ twabere ama wo,
bere a mede me man nnommum mɛsan maba no.
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.