Hebrifo 3
3
Kristo sen Mose
1 #
Heb 4.14
Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu 2#Num 12.7 a odi nea ɔde no sii hɔ no nokware, sɛnea Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no. 3Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no, sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no. 4(Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.)
Mose yɛ ɔsomfo pa
5Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse. 6#Efe 2.19 Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei.
Akyinnyegye ne asoɔden ho kɔkɔbɔ
7 #
Nnw 95.7-11
Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no:
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
8 #
Eks 17.7; Num 20.2-5 mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu,
sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ,
9nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe,
na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan.
10Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi,
na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam.
Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan;
11 #
Num 14.21-23
sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no:
Wɔrenhyɛn me home mu da.
12Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.
Nokwaredi ho hia
13 #
1 Te 5.11
Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma. 14#Heb 6.11 Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako 15#Heb 3.7 Sɛ wɔka sɛ:
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a,
16na ɛhefo na wɔtee a wɔtew atua no?
Yudafo abakɔsɛm mu nkyerɛnkyerɛ bi
Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so fii Misraim nyinaa no anaa?
17 #
1 Ko 10.10
Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa? 18#Heb 3.11 Na ɛhefo na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no? 19Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu.
Currently Selected:
Hebrifo 3: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.