Galatifo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Bere a wɔfi ase kaa Yesu ho asɛmpa no, nnipa bi a na wɔnyɛ Yudafo gye dii. Asɛm bi a ɛsɔree wɔn mu ne sɛ, obi ntumi nyɛ Kristoni nokware mu gye sɛ odi Mose mmara so. Paulo gyinaa mu pintinn sɛ eyi ho nhia — na nokware a ɛtɔ adwene mu na ɛwɔ nnyinaso ne sɛ nea ɔnam Yesu mu gyidi so no na obenya nkwa. Ɛnam eyi so tumi ma nnipa nyinaa ne Onyankopɔn ntam siesie. Nnipa bi nso a wɔfi asafo ahorow a ɛwɔ Galatia, Roma mantam a ɛwɔ Asia Kumaa mu, kyerɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a, etwa sɛ odi Mose mmara so.
Paulo kyerɛwee krataa yi de kɔmaa Galatifo sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛsan de nokware gyidi ne ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ abrɛ nnipa bi a wɔde nkyerɛkyerɛ bɔne abɛdaadaa wɔn no. Paulo tumi a ɔde yɛ Yesu Kristo somafo ho anoyi ne nea ɔde fii ase. Ɔka si so dua sɛ, ɔfrɛ a ɔnyae de bɛyɛɛ ɔsomafo no nyɛ nea efi onipa tumi mu na mmom efi Onyankopɔn. N’adwuma titiriw a wɔde ahyɛ ne nsa yɛ nea ɔbɛyɛ wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu. Afei ɔnam nkyerɛkyerɛmu so ma no da adi sɛ ɛnam gyidi so na wobetumi asiesie nnipa ne Onyankopɔn ntam. Ti a ɔde wie no, Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Kristoni su yɛ nea ɛteɛ fi ɔdɔ a efi ne gyidi a ɛwɔ Kristo mu no mu.
EMU NSƐM
Mfiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-10
Paulo tumi a ɔde yɛ ɔsomafo 1.11—2.21
Onyankopɔn adom asɛmpa no 3.1—4.31
Kristoni fawohodi ne n’asɛde 5.1—6.10
Awiei 6.11-18
Currently Selected:
Galatifo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: