Galatifo 1
1
Nkyia
1 #
Gal 1.11-12
Paulo a emfi nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no so na ɔyɛ ɔsomafo 2ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo horow: 3#Rom 1.7 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4#Gal 2.20; 1 Tim 2.6; Tito 2.14; 1 Yoh 5.19 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te. 5Ɔno na anuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen.
Galatifo nsanakyiri
6Ɛyɛ me nwonwa sɛ moatwe mo ho ntɛm sɛɛ afi nea wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforo 7#Aso 15.1; 15.24 a nso ɛnyɛ asɛmpa foforo biara, na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔhaw mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no. 8#1 Ko 16.22 Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo, ka nea moagye no ho a, onnue! 9Sɛnea yɛkae kan no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue! 10#1 Te 2.4 Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa.
Paulo nkyerɛkyerɛ firi Kristo
11Na, anuanom, merema moahu sɛ, asɛmpa a mekae no nte sɛ nnipa ade; 12efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. 13#Aso 26.4-20 Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn, 14na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so. 15#Rom 1.1; Yer 1.5 Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani 16#Mat 16.17; Gal 2.7 sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina, 17nanso mankɔ Yerusalem wɔn a wodii m'anim yɛɛ asomafo no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio.
Nsra a ɔkɔsraa Yerusalem, Siria ne Kilikia
18 #
Aso 9.26
Ɛnna mfirihyia abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na midii ne nkyɛn nna dunum; 19#Mat 13.55 na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo. 20Na nea merekyerɛw mo yi, hwɛ, Onyankopɔn anim, merenni atoro. 21#Aso 9.30 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia fam. 22Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim; 23na ɔte nko na na wɔate sɛ, nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan ɔsɛee no no ho asɛmpa. 24Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.
Currently Selected:
Galatifo 1: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: