YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 16

16
Onyankopɔn ma wɔn aduan fi soro
1Na wotu fii Elim, na Israelfo asafo no nyinaa baa Sin sare a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wofii Misraim asase so no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dadu nnanum ne no.
2 # Eks 17.2 Na Israelfo asafo mu no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sare so hɔ. 3#Eks 14.11 Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa.
4 # Yoh 6.31; 1 Ko 10.3 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wobedi me mmara so anaasɛ wɔrenni. 5Na da a ɛto so asia no, wɔresiesie nea wɔfa no a, ɛnyɛ nea wɔtase daa no mmɔho. 6Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa sɛ: Anwummere na mubehu sɛ Awurade na oyii mo Misraim asase so; 7na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn? 8Na Mose se: Awurade bɛma mo nam adi anwummere, ne aduan adi amee anɔpa, efisɛ Awurade ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom Awurade. 9Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn Awurade anim, efisɛ wate mo anwiinwii no. 10#Deut 12.5; 14.10; 16.19 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu. 11Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfo anwiinwii no. 12Ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anwummere mubedi nam, na anɔpa moadi aduan amee, na moahu sɛ mene Awurade mo Nyankopɔn. 13#Deut 11.31 Na anwummere no, mmoka maa wɔn ho so bae bɛkataa nsra no so; na anɔpa no, obosu guu nsra no ho hyiae. 14Na obosu a egui no kɔɔ ɔsoro, na hwɛ, biribi nkorowankorowa nketenkete gugu sare no ani, nketenkete te sɛ fam bosu nkyenkyenee. 15#Eks 16.4 Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn ni?#16.15 Hebri no ka sɛ: Man hu? Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni.
16Nsɛm a Awurade ahyɛ ni: Montase bi sɛnea obiara bedi: Omer mmiako mmiako, sɛnea mo nnipa dodow si na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntamadan mu no. 17Na Israelfo no yɛɛ sa; na wɔtasee, ebinom de pii, ebinom de kakraa bi. 18#2 Ko 8.15 Na wɔde omer susuwii, na nea ɔtasee pii no annya akyiri bi, na nea ɔtasee kakraa bi no, anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛnea wobedi. 19#Mat 6.34; Luka 11.3 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnyaw bi mmma ade nnkye so. 20Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaw bi ma ade kyee so; na ɛdɔɔ mmoawa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuw wɔn. 21Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛnea obedi; na owia mu yɛ den a, na anan.
22Na da a ɛto so asia no, wɔtasee aduan no mmɔho, obiako de omer abien. Na asafo no mu mpanyimfo nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Mose. 23#Gye 2.2-3; Eks 20.8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa. 24Na wɔde siei kosii anɔpa, sɛnea Mose hyɛe no; na ammɔn, nso mmoawa bi nni mu.
25Na Mose kae sɛ: Munni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wodi ma Awurade; ɛnnɛ morenhu bi wuram. 26Nnansia na montase, na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda, ɛda no de, ebi rentɔ. 27Na da a ɛto so ason no, nkurɔfo no mu bi fii adi sɛ wɔkɔtase, nanso wɔannya bi. 28Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛkame m'ahyɛde ne me mmara so di akosi da bɛn? 29Monhwɛ, sɛ Awurade ama mo homeda nti na da a ɛto so asia no ɔma mo nnanu aduan; montenatena mo afi mu; mma obiara mmfi adi mmfi ne tenabea da a ɛto so ason no. 30Ɛnna ɔman no homee da a ɛto so ason no. 31Na Israelfo frɛɛ no: Mana, nso ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.
32Na Mose kae sɛ: Asɛm a Awurade ahyɛ ni: Momfa ebi nhyɛ omer ma mfa nsie awo ntoatoaso a ɛbɛba mo akyi no, na wɔahu aduan a mede memaa mo dii wɔ sare so bere a miyii mo Misraim asase so no. 33#Heb 9.4 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana omer ma gu mu, fa si Awurade anim, na wɔmfa nsie mo awo ntoatoaso. 34Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanse no anim sɛ wɔde resie. 35#Yos 5.12 Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so. 36Nso omer yɛ olonka abupɛn du mu biako.

Currently Selected:

Eksodɔs 16: RATB

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in