Eksodɔs 15
15
Mose ne Miriam dwom
1 #
Adi 15.3
Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa AWURADE kae sɛ:
Mɛto AWURADE dwom,
na ɔma na wama ne ho so,
ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no,
watow wɔn agu po mu.
2 #
Nnw 118.14; Yes 12.2 M'ahoɔden ne me dwonto ne AWURADE,
na wayɛ me nkwagye.
Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no.
Ɔyɛ m'agya Nyankopɔn, na mɛma no so.
3 #
Eks 14.14; Nnw 46.9; Eks 3.15 AWURADE yɛ dɔmmarima,
AWURADE ne ne din.
4Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no,
watow wɔn agu po mu,
na n'akofo a wɔapaw wɔn no,
wɔamemmem mmɛw po mu.
5Ebun akata wɔn so,
wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ ɔbo.
6AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam,
AWURADE wo nsa nifa no dwerɛw atamfo no.
7 #
Yes 47.14
Na wo tumi a ɛso no ara na wode butuw wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no.
Wosoma w'abufuhyew ba, ɛhyew wɔn sɛ sakran.
8Na wo hwene mu ahome mu na nsu no ano boae;
asorɔkye gyinae sɛ ekuw,
abun kyekyeree ɛpo yam.
9Ɔtamfo no kae sɛ:
Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra.
Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn.
10Wode wo mframa huwii, ɛpo no kataa wɔn so;
wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu.
11 #
Eks 18.11; Nnw 72.18-19 Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu?
Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo,
nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.
12Woteɛɛ wo nifa,
asase menee wɔn.
13Wode w'adɔe gyaa ɔman a woagye wɔn yi,
wode w'ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.
14 #
Yos 2.9-11
Aman tee, na wɔn ho wosowee,
ahopopo kaa wɔn a wɔte Filistia.
15Ɛno na Edom asafohempanyin ho dwiriw wɔn,
Moab ahoɔdenfo no, nketenkete kitaa wɔn,
Kanaanfo nyinaa hodwowee.
16Ehu ne osuro gu wɔn so,
wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔbo,
kosi sɛ wo man betwam, AWURADE, kosi sɛ ɔman a wunyaa wɔn no betwam.
17Wode wɔn bɛba abɛtɛw wɔn, w'agyapade bepɔw no so,
AWURADE, nea wode hɔ ayɛ wo tenabea,
kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no.
18 #
Nnw 93.1
AWURADE bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa.
19 #
Eks 14.22-29
Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no mu nsu no san bɛkataa wɔn so, na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini.
20 #
Nnw 68.25
Na odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron ne nua no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw fii dii n'akyi. 21#Eks 15.1 Na Miriam gyee wɔn so sɛ:
Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim anuonyam mu;
ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.
Mara nsu a ɛyɛ nwene
22Ɛnna Mose maa Israel tu fii mmɛw po ho na wofi kɔɔ Sur sare so; na wɔnantew sare no so nnansa, na wonnya nsu.
23Na woduu Mara no, na wontumi nnom Mara nsu, efisɛ ɛyɛ nwene. Enti wɔtoo hɔ din Mara#15.23 MARA: Ase ne: Nwenenwene. 24Na ɔman no kasae huhuhuhu hyɛɛ Mose sɛ: Dɛn na yɛnnom?
25Na osu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu, na nsu no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛde ne atemmu maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛe, 26#Deut 7.15; 32.39; Mat 9.12 na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.
27Na woduu Elim a nsubura dumien ne nkyeresia aduɔsɔn wɔ. Na wɔbɔɔ nsra wɔ nsu no ho.
Currently Selected:
Eksodɔs 15: RATB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: