Efesofo NHYƐNMU
NHYƐNMU
Nea edi kan koraa wɔ Paulo nhoma a ɔde kɔmaa Efesofo no fa “Onyankopɔn nhyehyɛe … a ɔde n’abɔde nyinaa a ɛwɔ soro ne asase so bɛbɔ mu ama Kristo ayɛ eti” (1.10). Ɛsan nso yɛ adesrɛ a ɔde to Onyankopɔn nkurɔfo anim sɛnea wɔbɛyɛ ama saa nhyehyɛe pa yi a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa ka bom wɔ Kristo mu no ada adi.
Ɔfa a edi kan wɔ Efesofo nhoma yi mu no, ɔkyerɛwfo no ma yehu nkabom sɛ asɛm titiriw. Ɔkasa fa ɔkwan a Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no afa so ayi ne nkurɔfo ne sɛnea ɔnam ne ba Yesu so de wɔn bɔne akyɛ wɔn na wɔayi wɔn afi bɔne mu, ɛne sɛnea ɔde ne Honhom Kronkron asɔ ne bɔhyɛ kɛse no ano. Ɔfa a ɛto so abien no, ɔde adesrɛ to n’akenkanfo anim sɛ wɔnnante sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn biakoyɛ a ɛwɔ Kristo mu no bɛyɛ adwuma wɔn nyinaa mu.
Ɔnam kasasu ahorow so de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo biakoyɛ a ɛwɔ wɔn ne Kristo nkabom no mu: Asafo no te sɛ nipadua a Kristo ne eti; anaasɛ asafo no te sɛ ɛdan a Kristo ne tweatibo; anaasɛ asafo no te sɛ ɔyere a Kristo ne okunu. Ɔkyerɛwee sɛnea Onyankopɔn adom a ɛwɔ Kristo mu nimdeɛ te. Ɔhwɛɛ biribiara sɛnea ɛte wɔ Kristo dɔ, n’afɔrebɔ, ne fakyɛ, n’adom ne n’ahotew mu.
EMU NSƐM
Mfitiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Kristo ne asafo no 1.3—3.21
Nkwa foforo a ɛwɔ Kristo mu 4.1—6.20
Awiei 6.21-24
Currently Selected:
Efesofo NHYƐNMU: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.