YouVersion Logo
Search Icon

Efesofo 2

2
Yɛafi owu mu aba nkwa mu
1 # Kol 2.13 Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu, 2#Tito 3.3; Efe 6.12; Yoh 12.31 na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.
3 # Kol 3.6 Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso. 4Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so 5#Luka 15.24; 15.32 ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.) 6#Rom 8.10; Flp 3.20 Na wanyan yɛne no, na ɔde yɛne no atena ɔsoro hɔnom, Kristo Yesu mu, 7#Efe 1.7 sɛ wiase a ɛreba no mu obeyi n'adom ahonya a ɛboro so no adi ayamye a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.
8 # Gal 2.16 Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde, 9#1 Ko 1.29 emfi nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho. 10#Tito 2.14 Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.
Wɔayɛ yɛn biako wɔ Kristo mu
11 # Efe 5.8 Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwafo, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa ɔhonam mu no frɛ mo momonoto no, 12#Rom 9.4 monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase. 13Na afei de, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.
14Na ɔno ankasa ne yɛn asomdwoe, wayɛ abien no biako, na wadwiriw fasu a etwa yɛn ntam a ɛne nitan no, 15efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba, 16na wafa asɛnnua no so apata aka abien no abɔ Onyankopɔn ho, nipadua biako mu, efisɛ ɔde asɛnnua no akum nitan no. 17Na ɔbae bɛkaa asomdwoe ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn, 18efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.
19Enti afei monyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom moyɛ ahotefo no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fifo. 20#Mat 16.18; Yes 28.16 Wɔde mo asi asomafo ne adiyifo fapem a Kristo Yesu ankasa ne tweatibo titiriw no so. 21Ne mu na nea wɔasi no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrema ne ho so akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu; 22#1 Pe 2.5 ne mu na wɔde mo nso resi akɔyɛ Onyankopɔn tenabea, honhom mu.

Currently Selected:

Efesofo 2: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in