YouVersion Logo
Search Icon

Kolosefo 2

2
Kolosefo yiyedi ho mmɔdemmɔ
1Na mepɛ sɛ muhu apereapere dennen a midi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wonhuu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho, 2sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu. 3#1 Ko 1.24; 1.30 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.
Paulo dɔ
4 # Rom 16.18 Na meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada. 5#1 Ko 5.3; 14.40 Na sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan a mugyina so ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.
Wɔn honhom nkɔso ho nsiyɛ
6Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara, 7#Efe 3.17; 2.22 sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.
Kristo nyameyɛ
8 # Kol 2.20 Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum; 9#Yoh 1.14; 1.16 efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu, 10#Efe 1.21 na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti, 11#1 Pe 3.21; Rom 2.29 ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu. 12#Rom 6.4; Kol 3.1 Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.
Kristo mpatadwuma
13 # Efe 2.1; 2.5 Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn, 14#Efe 2.15 na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu, 15#Kol 1.13 na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.
Ntamgyinafo foforo biara nni hɔ
16 # Rom 14.1-12 Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam, 17#Heb 8.5; 10.1 na eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na nea edi mu ara ankasa no ne Kristo. 18#Kol 2.23 Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu. 19#Efe 4.15-16 Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no.
Mmara sodi nko nnɔɔso
20 # Gal 4.3; 4.9 Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase 21sɛ: Nso mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka? 22#Yes 29.13; Mat 15.9 Saa nneɛma yi nyinaa yɛ nea ɛkyerɛ nneɛma hunu wɔ nnipa ahyɛde ne nkyerɛkyerɛ fam nko. 23#Rom 13.14; 1 Tim 4.3 Nea nneɛma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisosom ne ahobrɛase ne atirimmɔden a wɔyɛ no honam so de, na eyinom mfa mfaso mma na mmom ne nyinaa yɛ nea ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ma.

Currently Selected:

Kolosefo 2: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in