YouVersion Logo
Search Icon

Kolosefo 1

1
Nkyia
1Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo ne onua Timoteo, 2#Rom 1.7 de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo.
Aseda
3Da biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya ase, 4#Efe 1.15 efisɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa, 5esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee. 6Asɛmpa no aba mo nkyɛn, sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da a motee na muhuu Nyankopɔn adom nokware mu no, 7#Kol 4.12 sɛnea musuae nso fii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo 8a wabeyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no.
Wɔn honhom fam nkɔso ho adesrɛ
9 # Efe 1.16-17 Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu, 10#Efe 4.1; Flp 1.27 na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu, 11#1 Ko 1.5 na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu 12#Efe 1.11 na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefo apɛgyade no fafafo wɔ hann mu no ase, 13#Kol 2.15 sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu. 14#Efe 1.7 Ɔno mu na yɛanya ogye ne bɔne fakyɛ.
Kristo yɛ Onyankopɔn suban ne abɔde nyinaa so wura
15 # Heb 1.3 Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso ne abɔde nyinaa farebae, 16#Yoh 1.3; 1.10 efisɛ ne mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so, nea wohu ne nea wonhu, nhengua oo, wuradi oo, mpanyinni oo, tumidi oo, nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no. 17#Mmb 8.25-27 Na ɔno na ɔyɛ ade nyinaa kannifo, na nneɛma nyinaa atim wɔ no mu.
Kristo yɛ asafo no ti
18 # Efe 1.22; Aso 26.23; Adi 1.5 Na ɔno ne nipadua a ɛne asafo no ti; ɔne mfiase, awufosɔre mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifo. 19#Kol 2.9; Yoh 1.16 Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu, 20#Efe 1.10; 1 Yoh 2.2 na ɔnam no so apata Onyankopɔn ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam [n’asɛnnua ho mogya] so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de oo, ɔsoro de oo, ne Onyankopɔn ntam.
Nkwagye a ɛnam Kristo so ba
21 # Efe 2.12; 4.18; Rom 5.10 Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no, 22#Efe 5.27 afei ɔnam owu so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim; 23nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.
Ɔsomafo no amanehunu
24 # Efe 3.13 Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no 25a mayɛ ne somfo, sɛnea Onyankopɔn fiehwɛdwuma no te. Eyi na wɔde ama me wɔ mo fam sɛ mehyɛ Onyankopɔn asɛm no ma. 26#Rom 16.25-26 Yiw, ahintasɛm no a efi mmeresanten ne awo ntoatoaso no so hintawee no, afei wayi no adi akyerɛ ahotefo 27#1 Tim 1.1 Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no. 28#Kol 1.22 Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu. 29Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.

Currently Selected:

Kolosefo 1: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in