YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo 8

8
Wɔtaa agyidifo
1 # Aso 7.58; 11.19 Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko. 2#Mat 14.12 Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii. 3#Aso 9.1; 22.4 Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.
Filipo asɛnka wɔ Samaria
4Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no. 5#Aso 6.5 Na Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 6Na nkurɔfo akuwakuw no tee na wohuu nsɛnkyerɛnne a Filipo yɛe no, wɔde koma koro yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkae no. 7#Mar 16.17 Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee. 8#Yoh 4.40-42 Na anigye kɛse baa kurow no mu.
9Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn. 10Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no. 11Na wotiee no, efisɛ ɔde nkonyaayi no maa wɔn ho dwiriw wɔn akyɛ. 12#Mat 28.19 Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu. 13Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no.
Petro ne Yohane kɔ Samaria
14Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15Na wɔbae no, wɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛ wonnya Honhom Kronkron; 16efisɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu. 17Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wonyaa Honhom Kronkron.
18Na Simon hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ: 19Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya Honhom Kronkron. 20Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde. 21Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim. 22Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo. 23Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo. 24Na Simon buae sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so. 25Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.
Filipo ne Etiopiani no
26Na Awurade bɔfo kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafo fam ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan. 27Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre, 28na ɔresan akɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekan odiyifo Yesaia nhoma. 29Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho! 30Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa? 31Na ose: Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. 32#Yes 53.7-8 Nso kyerɛw no mu asɛm a ɔrekenkan no ni:
Wɔde no kɔe sɛ oguanten a wɔrekokum no,
na sɛ oguammaa tɔ ne yifo anim mum no,
sɛ nso wammue n’ano ne no.
33N’ahobrɛase mu wobuu no ntɛnkyew.
N’abusua nso hena na obetumi akyerɛ?
Efisɛ woyii ne nkwa fii asase so.
34Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm? 35Na Filipo buee n’ano, na ogyinaa kyerɛwsɛm no ara so kaa no Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.
36Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan? 37#Mar 16.16; Mat 16.16[Na Filipo se: Sɛ wode wo koma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan sa. Na obuae sɛ: Migye midi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba]. 38Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu sian kɔɔ asu no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu. 39#1 Ah 18.12 Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan. 40#Aso 21.8-9 Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.

Currently Selected:

Asomafo 8: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in