YouVersion Logo
Search Icon

Asomafo 7

7
Wɔde Stefano begyina bagua no anim
1Na ɔsɔfo panyin no bisae sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buae sɛ: 2#Gye 11.31; 15.7 Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran, 3#Gye 12.1 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so! 4#Gye 11.32; 12.5 Ɛnna ofii Kaldeafo asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wu akyi no, ɔma ofii hɔ bɛtenaa asase yi a mote so nnɛ yi so. 5#Gye 13.15 Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba.
6 # Gye 15.13-14; Eks 12.40 Na nea Onyankopɔn kae ne sɛ: N’asefo bɛyɛ ahɔho ananafo asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirihyia ahannan. 7Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kae wɔn ho sɛ: Mebu wɔn ntɛn, na ɛno akyi no, wɔafi hɔ abɛsom me wɔ ha.
8 # Gye 17.10 Na ɔne no yɛɛ twetiatwa apam. Na ɔde saa woo Isak, na ne nnawɔtwe so no, otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanyin dumien no. 9#Gye 37.28; 39.1-2; 39.21 Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi. 10#Gye 41.38-45 Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado.
11Na ɔkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛse nso, na yɛn agyanom nnya aduan. 12#Gye 42.1 Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kan. 13#Gye 45.3; 45.16 Na nea ɛto so abien no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso huu Yosef abusuafo. 14#Gye 45.9-11 Na Yosef soma kohyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wosi nnipa aduɔsɔn anum no bae. 15#Gye 46.1; 49.33 Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui, 16#Gye 23.16-17; 50.13; Yos 24.32 na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɔda a Abraham de sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.
17 # Eks 1.7 Na bɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no bere redu no, ɔman no dɔe, na wɔyɛɛ bebree Misraim 18kosii sɛ ɔhene foforo bi a onnim Yosef sɔree. 19#Eks 1.22 Ɔno na ɔde anitew hyɛɛ yɛn nkurɔfo so, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔma wɔtotow wɔn mma nkokoaa gui, na amma wɔannya nkwa.
20 # Eks 2.2; Heb 11.23 Ɛbere no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no asram abiɛsa n’agya ofi. 21#Eks 2.10 Na wɔtow no kyenee no, Farao babea kɔfaa no, na ɔtetew no de no yɛɛ ne ba. 22Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu. 23#Eks 2.11 Na odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no. 24Na ohuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ogyee ne ti, na ɔtɔɔ nea wɔrehyɛ no so no, so were kum Misraimni no. 25Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu.
26Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne? 27Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo? 28Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no? 29#Eks 2.15; 18.3-4 Na asɛm yi nti Mose guanee na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.
30 # Eks 3.2; Deut 33.16 Na mfirihyia aduanan dui no, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no wɔ sare so Sinai bepɔw ho, wɔ wura bi gyaframa mu. 31Na Mose hui no, anisoade no yɛɛ no nwonwa; na otwiw bɛnee sɛ ɔkɔhwɛ no, Awurade nne bae sɛ: 32#Eks 3.6 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoe, na wansi ne bo ankɔhwɛ. 33Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi w’anan mpaboa; na nea wugyina ha yi yɛ asase kronkron. 34Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisi, na masian sɛ mibegye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!
35 # Eks 2.14 Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hena na ɔde wo sii ɔpanyin ne ɔtemmufo no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa so somaa no sɛ ɔpanyin ne ogyefo. 36#Eks 7.10; 14.21 Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan. 37#Deut 18.15 Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.
38 # Eks 19.3 Oyi ne nea ɔne ɔbɔfo no wɔ asafo no mu sare so hɔ a ɔbɔfo no ne no ne yɛn agyanom kasae Sinai bepɔw so, na ogyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no. 39Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wotie no, na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim, 40#Eks 32.1 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn fi Misraim bae yi de, yennim nea ayɛ no. 41Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho. 42#Amos 5.25-27 Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ:
Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me
mfirihyia aduanan sare so anaa?
43Mmom mofaa Molok ntamadan
ne onyame Romfa nsoromma,
ahoni a moyɛe sɛ mobɛsom wɔn;
na mɛsoa mo makɔ Babel akyi noho.
44 # Eks 25.40 Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare so, sɛnea nea ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnea ade a ohui no te no. 45#Yos 3.14; 18.1 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so. 46#2 Sa 7.2; Nnw 132.5 Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn. 47#1 Ah 6.1 Nanso Salomo na osii ofi no maa no. 48#Yes 66.1-2 Nanso nea ɔwɔ sorosoro no nte nea wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛnea odiyifo no ka sɛ:
49Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua,
na asase yɛ m’anan ntiaso;
ɔdan bɛn na mubesi ama me?
Anaasɛ ɛhe ne me homebea?
50Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa?
51 # Eks 32.10; Lew 26.41 Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ. 52#2 Be 36.16; Mat 23.31 Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no, 53#Eks 20; Gal 3.19; Heb 2.2 mo a munyaa mmara no sɛnea abɔfo hyɛe no, nanso moanni so.
Wosiw Stefano abo
54 # Aso 5.33 Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so. 55Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa, 56#Luka 22.69 na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa. 57Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so, 58#Aso 22.20 na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase. 59#Nnw 31.5; Luka 23.46 Na wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom! 60#Luka 23.34 Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.

Currently Selected:

Asomafo 7: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in