Asomafo 27
27
Paulo si mu kɔ Roma
1 #
Aso 25.12
Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu. 2#Aso 19.29; 20.4 Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho. 3#Aso 24.23; 28.16 Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.
4Na yetu fii hɔnom no, yɛfaa Kipro ase ase, efisɛ mframa hyiaa yɛn. 5Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po so no, yekogyinaa Likia kurow Mira ho. 6Ɛhɔ na asraafo ha so panyin no huu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn koguu mu. 7Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho. 8Na yɛnam ano ano resan no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛredu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-agyinaye a Lasea kurow bɛn ho.
9 #
2 Ko 11.25-26; Lew 16.29 Na esiane sɛ na bere kɔ pii, na mmuadadi bere no atwam dedaw na, nsu ani fa ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo 10see wɔn sɛ: Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi. 11Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no. 12Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ.
Ahum tu wɔ ɛpo no so
13Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete. 14Na ankyɛ, na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Atifi-apuei-mframa faa Krete so bɛbɔe; 15na ɛkyeree hyɛn no na entumi nhyia mframa no no, yɛma ɛtwee yɛn. 16Na yɛde mmirika kɔfaa supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ase no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yesusoo ɔkorow no mu. 17Na wɔmaa so no, wɔboa kyekyeree hyɛn no; na wosuroe sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wohuan hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa. 18Na mframa no bɔe dennen de yɛn kyinkyinii, na ade kyee no, wɔtotow hyɛn no mu nneɛma bi gui. 19Na ne nnansa so no, wɔde wɔn ankasa nsa totow hyɛn no ho nneɛma no kyenee. 20Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpuei, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagye ho anidaso nyinaa yerae.
21Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi. 22Na afei mitu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara kra renyera, gye hyɛn yi. 23Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn 24#Aso 23.11 kae sɛ: Paulo, nsuro! Etwa sɛ wokogyinaa Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo. 25Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na migye Onyankopɔn midi sɛ ɛbɛyɛ sɛnea wɔaka akyerɛ me no; 26#Aso 28.1 nanso etwa sɛ yekogu supɔw bi so.
27Na dadu nnanan dui na yɛredi akɔneaba Adria po so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔdasum na hyɛn no mu adwumayɛfo no hui sɛ wɔrebɛn asase bi. 28Na wɔtow susuhama, na wohui sɛ esi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtowee bio, na wohuu no abasam dunum. 29Na wosuroe sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtow asɛkyɛ anan fi hyɛn no to twɛn adekyee. 30Na esiane sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no hwehwɛ aguan afi hyɛn no mu nti, wogyaa ɔkorow no mu too po mu yɛe sɛnea wɔrekɔtow sɛkyɛ afi hyɛn no ti nso no, 31Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa. 32Ɛnna asraafo no twaa ɔkorow no ntampehama no, na wɔma ɛkɔe.
33 #
Aso 27.27
Na ade rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano ɛ. 34#Mat 10.30 Enti mesrɛ mo sɛ munnidi, na ɛno nso begye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi biako po rentɔ fam. 35#Yoh 6.11; 1 Tim 4.4 Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii. 36Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi dii. 37(Na yɛn a yɛwɔ hyɛn no mu nyinaa si akra ahanu aduɔsɔn asia.) 38Na wodidi mee no, wɔtow aduan no guu po mu maa hyɛn no yɛɛ hare.
Hyɛn no bɔ
39Na ade kyee no, na wonnim asase no. Na wohuu dɔnnɔn bi a ɛho mpoano da hɔ; ɛno mu na wosusuwii sɛ wobetumi a, wɔbɛtwe hyɛn no akɔ. 40Na wotwaa asɛkyɛ no ahama mu gyaa mu guu po mu, na wɔsan akyerɛkyerɛkwan no ahama, na wosii suhyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔe no pia kɔɔ mpoano. 41Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no.
42Na asraafo no tuu agyina sɛ wobekum nneduafo no, na obi anguare anguan. 43Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam. 44#Aso 27.22-25 Na wɔn a aka no de, ebinom butubutuw ntaaboo so, na ebinom nso butubutuw suhyɛn nnua asinasin no bi so. Na sɛnea ɛyɛe na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.
Currently Selected:
Asomafo 27: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.