Asomafo 23
23
1 #
Aso 22.1; 24.16 Na Paulo gyen n’ani hwɛɛ baguafo no kae sɛ: Anuanom, me de, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn mede mabesi nnɛ yi. 2Na ɔsɔfo panyin Anania hyɛɛ wɔn a wogyina ne ho no sɛ wɔmmɔ n’ano so. 3#Mat 23.27 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɔ na Onyankopɔn bɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔayɛ ho fitaa; na wote hɔ rebu me ntɛn sɛnea mmara no te, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me? 4Na wɔn a wogyina ho no kae sɛ: Onyankopɔn sɔfo panyin na woyaw no yi? 5#Eks 22.28 Ɛnna Paulo kae sɛ: Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho asɛmmɔne!
6 #
Aso 22.3; 26.5 Na Paulo hui sɛ ɔfa yɛ Sadukifo, na ɔfa nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm gua mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifo ba; awufo sɔre ne ɛho anidaso nti na wɔrebu me ntɛn yi. 7Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifo ne Sadukifo no ntam, na nnipakuw no mu paee. 8#Mat 22.23 Efisɛ Sadukifo ka sɛ awufo sɔre anaa abɔfo anaa ahonhom nni hɔ, na Farisifo de, wogye ne nyinaa di. 9#Aso 25.25; 5.39 Na wɔteɛteɛɛm kɛse, na kyerɛwfo a wɔwɔ Farisifo fa mu no sɔre kasakasae sɛ: Yenhu bɔne bi onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfo akasa akyerɛ no ɛ?
10Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroe sɛ ebia wɔbɛtetew Paulo nti, ɔhyɛɛ asraafo no sɛ wonsian mmehuam no wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.
11 #
Aso 18.9; 19.21; 28.16; 28.23 Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.
Wɔpam Paulo tiri so
12Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa. 13Na wɔn a wɔbɔɔ mu pam ne tiri so no bɛboro aduanan; 14na wɔbaa asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa. 15Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.
16Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛw no, ɔkɔe kɔhyɛn aban no mu koyii Paulo asotiri. 17Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no. 18Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo. 19Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me? 20Na ose: Yudafo no adwene ho sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo aba gua mu sɛnea wɔrebebisa ne ho asɛm mu yiye. 21Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.
22Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberante no kwan na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotiw!
Wɔde Paulo kɔma Felike wɔ Kaesarea
23Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare. 24Na wonsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so mfa no dwoodwoo nkɔma amrado Felike. 25Na ɔkyerɛw nhoma a emu asɛm se: 26Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike. 27#Aso 21.33; 22.25 Ɔbarima yi a Yudafo kɔfaa no sɛ anka wobekum no na me ne dɔm kɔe kogyee no no, mate sɛ ɔyɛ Romani. 28#Aso 22.30 Na mepɛe sɛ anka mihu dekode a wɔde reto no so no, mede no mekɔɔ wɔn gua mu; 29#Aso 23.6; 23.9; 18.14-15 na mihui sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkurobɔ, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere anto no so. 30#Aso 24.8 Nanso wɔayi me asotiw sɛ nnipa bi retɛw ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfo no nso sɛ wɔmmɛka nea wɔwɔ wɔ ne ho no w’anim.
31Ɛnna asraafo no faa Paulo, sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no. 32Na ade kyee no, wɔmaa apɔnkɔfo no ne no kɔe, na wɔsan baa aban no mu bio. 33Na wɔn de, woduu Kaesarea na woyii nhoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kogyinaa n’anim. 34#Aso 22.3 Na amrado no kenkan nhoma no wiei na obisaa ɔman ko a ofi mu na ɔtee sɛ ofi Kilikia no, 35ɔkae sɛ: Wo nkurobɔfo no ba a, na metie wo. Na ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.
Currently Selected:
Asomafo 23: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.