Asomafo 21
21
Paulo kɔsra Yakob wɔ Yerusalem
1Na ɛbae sɛ yɛne wɔn dii ntetewmu no, yesiim nam nsu ani tee baa Ko, na n’adekyee no, yeduu Rodo, na yefi hɔ baa Patara. 2Na yehuu hyɛn bi a ɛrekɔ Foenike no, yɛkɔɔ mu, na yetui. 3Na yɛn ani tua Kipro no, yegyaw too benkum kɔɔ Siria, na yekosii fam wɔ Tiro; efisɛ ɛhɔ na hyɛn no rekoyi n’adesoa agu. 4#Aso 21.11-12; 20.23 Na yekohuu asuafo no no, yɛtenaa hɔ nnansɔn, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 5#Aso 20.36 Na yewiee nna no di no, yefii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma begyaa yɛn kwan de kosii sɛ yefii kurow no mu, na yɛkotow mpoano hɔ bɔɔ mpae. 6Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ hyɛn mu, na wɔsan kɔɔ fie.
7Na yefi Tiro faa nsu ani beduu Ptolemai; na yekokyiaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro. 8#Aso 8.40 Na ade kyee no, yefi hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔka baasɔn no ho fi kɔtenaa ne nkyɛn. 9#Aso 2.17 Na ɔwɔ mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm.
10 #
Aso 11.28
Na yedii hɔ nna kakra no, odiyifo bi a ne din de Agabo fi Yudea bae; 11#Aso 20.23 na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa. 12#Mat 16.22 Na yɛtee eyinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13#Aso 20.24 Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ. 14Na ɔmpene yɛn no, yegyae kae sɛ: Nea Awurade pɛ nyɛ hɔ.
15Na nna no akyi no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem. 16Na Kaesarea asuafo no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnasɔn, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dedaw, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.
Paulo kɔsra Yakob wɔ Yerusalem
17Na yeduu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛw so.
18 #
Aso 15.13; Gal 1.19 Na ade kyee no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakob nkyɛn, na mpanyimfo no nyinaa baa hɔ bi. 19Na okyiaa wɔn no, ɔkaa nea Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu mmiako mmiako kyerɛɛ wɔn.
20 #
Aso 15.1
Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden. 21#Aso 16.3; Rom 10.4 Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wonnyaw Mose, na woka sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amanne no so. 22Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba. 23#Aso 18.18 Enti yɛ nea yɛreka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nsew. 24Fa wɔn na wo ne wɔn nkodwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhu sɛ wo ho nsɛm a wɔtee no biara nnim, na mmom wo ankasa nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so. 25#Aso 15.20; 15.29 Na amanaman a wɔagye adi no ho de, yɛakyerɛw na yɛabu ntɛn sɛ wonyi wɔn ho mfi abosom afɔre ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ ho. 26#Num 6.9-20 Ɛnna Paulo faa mmarima no, na n’adekyee a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi sɛ ɔkɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wobewie no, na wɔabɛbɔ afɔre ama wɔn nyinaa mmiako mmiako.
Nkurɔfokuw kyere no
27Na nnansɔn no reyɛ adu no, Yudafo a wofi Asia no huu no asɔrefi no, wɔhwanyan nnipa a ahyia hɔ no nyinaa ma wosusoo no mu teɛɛm sɛ: 28#Aso 6.13; Hes 44.7 Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafo nso aba asɔrefi de efi abɛka kronkronbea ha yi. 29#Aso 20.4; 2 Tim 4.20 Nso wohuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ kan, enti wosusuwii sɛ Paulo de no akɔ asɔrefi hɔ. 30Na kurow no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfo no de mmirika bɛboaa wɔn ho ano; na wosusoo Paulo mu twee no fii asɔrefi hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apon no mu.
31Na wɔrehwehwɛ akum no no, asɛm no koduu asraafo apem so safohene no asom sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka. 32Na ntɛm ara ɔfaa asraafo ne ɔha so panyin, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wohuu ɔsafohene ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe. 33#Aso 21.11; 20.23 Ɛnna ɔsafohene no kɔ kosoo no mu, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no, na obisaa no onipa ko a ɔyɛ ne nea wayɛ. 34Na nkurɔfokuw no mu binom teɛɛm sɛɛ, na ebinom nso teɛɛm sɛɛ. Na sakasaka no nti ontumi nhu mu nokware no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu. 35Na oduu ntrapoe no so no, na nkurɔfokuw no ani abere nti, asraafo no soaa no, 36#Aso 22.22; Luka 23.18 na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi teɛɛm sɛ: Yi no hɔ!
Paulo yi ne ho ano
37Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, obisaa ɔsafohene no sɛ: So mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ wo? Na ose: Wunim Hela kasa anaa? 38So ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifo mpemnan kɔɔ sare so no? 39#Aso 9.11 Na Paulo kae sɛ: Meyɛ Yudani a mifi Tarso, Kilikia kurow a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no. 40Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ:
Currently Selected:
Asomafo 21: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.