Asomafo 19
19
Paulo wɔ Efeso
1Na ɛbae sɛ bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so na obeduu Efeso; na ɔbɛtoo asuafo bi no, 2#Aso 2.38obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi. 3Na obisaa wɔn sɛ: Ɛdɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛe? Na wose: Yohane asubɔ mu. 4#Mat 3.11 Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni. 5Na wɔtee no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu. 6#Aso 8.17; 10.44; 10.46 Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm. 7Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumien.
8Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm. 9#2 Tim 1.15; Aso 9.2 Nanso ebinom koma yɛ den, na wontie, na wɔkasa ɔkwan no ho bɔne nnipakuw no anim nti, ogyaw wɔn hɔ yii asuafo no fii wɔn mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa. 10Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.
Skewa mma baasɔn ho asɛm
11 #
Aso 14.3
Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne a wɔnka, 12#Aso 5.15 na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.
13 #
Luka 9.49
Ɛnna Yudafo bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so. 14Yudani sɔfo panyin Skewa mma baasɔn bi na ɛyɛɛ saa. 15Na honhommɔne no buae sɛ: Minim Yesu, na minim Paulo, na mone henanom? 16Na onipa a honhommɔne no wɔ no mu no tow hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagyaw ne opira guanguan fii ofi no mu. 17#Aso 5.5; 5.11 Na Yudafo ne Helafo a wɔte Efeso nyinaa tee no, ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.
18Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm. 19Na wɔn a na wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum. 20#Aso 6.7; 12.24 Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.
21 #
Aso 23.11
Na wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ose: Midu hɔ a, akyiri yi etwa sɛ mikohu Roma nso. 22#Aso 17.14; Rom 16.23 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra.
Demetrio sakasakayɛ
23 #
Aso 19.9; 2 Ko 1.8-9 Ɛbere no ara mu sakasaka a ɛbae ɔkwan kuw no ho nyɛ adewa. 24#Aso 16.16 Ɛne sɛ dwetɛdwumfo bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛso ma adwumfo nya mfaso kɛse 25boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bi no ano kae sɛ: Awuranom, munim sɛ adwinni yi mu na yenya yɛn ho. 26Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame. 27Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no. 28Wɔtee no, wɔn bo fuwii pa ara, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse! 29#Aso 20.4 Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no. 30Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔhyɛn nkurɔfokuw no mu, nanso asuafo no amma no kwan. 31Na Asia mpanyimfo bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛe hɔ. 32Afei na ebinom teɛm sɛɛ, na afoforo nso teɛm sɛɛ, efisɛ gua no ayɛ sakasaka, na ɔfa kɛse no ara nnim dekode a enti wobehyiae. 33Afei nnipa bi pempem Aleksanda sɛ ɔnkasa, efisɛ ɔno na Yudafo no de no adi wɔn anim. Na Aleksanda nyamaa nkurɔfokuw no pɛe sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no. 34Nanso wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!
35Na ɔkyerɛwfo no pataa nkurɔfokuw no sɛ: Efesofo, onipa bɛn po na onnim sɛ Efeso kurow yɛ Artemi kɛse asɔrefi ne ohoni a efi Seus so bedurui no so hwɛfo? 36Na obiara nnye eyi ho akyinnye nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuw nnyɛ biribi. 37Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefi ho fi na wɔnkaa mo bosombea ho abususɛm. 38Enti sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnnii ne amradofo wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro. 3917 Na sɛ mohwehwɛ nsɛm foforo ho biribi a, wobedi no baguam sɛnea mmara te. 40Na anhwɛ a, yebenya nnɛ sakasakayɛ yi ho amane, efisɛ sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yenni asɛm biara a yɛde betumi akyerɛ gyegyeegye yi ase. 41Na ɔkaa saa no, ɔmaa gua no tui.
Currently Selected:
Asomafo 19: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.