2 Korintofo 9
9
Wɔnyi tow ansa na Paulo aba
1 #
2 Ko 8.4; 8.20 Na ɛfa ahotefo som no ho de, enhia me sɛ mekyerɛw mo; 2#2 Ko 8.19 efisɛ minim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafo, sɛ Akaiafo siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree. 3#2 Ko 8.24 Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ ɔkwa, na sɛnea mekae no, moasiesie mo ho, 4na sɛ Makedoniafo bi ne me ba na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn po yɛn ani bewu — nyɛ menne mo mmom sɛ yɛde yɛn ho too mo so. 5Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere.
Nea yegu na yebetwa
6 #
Mmb 11.24; 19.17 Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu. 7#Rom 12.8 Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. 8Na Onyankopɔn betumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na ade nyinaa mu ne daa nyinaa moanya nea ɛdɔɔ mo so nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu, 9#Nnw 112.9 sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
Ɔto pete, ɔde ma ahiafo,
ne trenee no wɔ hɔ daa.
Ayamye so aba
10 #
Yes 55.10; Hos 10.12 Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre. 11#2 Ko 1.11; 4.15 Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamye nyinaa a ɛnam yɛn so ma Onyankopɔn nya aseda. 12#2 Ko 8.14 Efisɛ ɔsom yi ho adwuma de, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ nea ehia ahotefo no nko ara, na mmom ɛnam aseda beberee a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so. 13Na wɔnam mo som a wohu yi so, bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamye a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu, 14na wɔn ara nso bɛbɔ mpae ama mo, na Onyankopɔn adom a aboro so agu mo so no nti, wɔn ani begyina mo. 15Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho.
Currently Selected:
2 Korintofo 9: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.