2 Korintofo 5
5
Honhom fam nipadua
1 #
Hiob 4.19; 2 Pe 1.13-14 Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro. 2#Rom 8.23 Efisɛ eyi mu de, yesi apini, na yɛn ani gyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fi a efi soro no afoa so, 3ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagyaw mu. 4#1 Ko 15.53 Na yɛn a yɛte ntamadan yi mu yi si apini, na ɛhyɛ yɛn so, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagyaw, na mmom yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ foa so, na nkwa amene nea ewu no. 5#2 Ko 1.22; Rom 8.16; 8.23; Efe 1.13-14 Na nea wasiesie yɛn ama saa ade yi ne Nyankopɔn a ɔno ara de Honhom no guaha nso ama yɛn no.
Ɔsoro fi
6 #
Heb 11.13
Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yenim sɛ yɛte fie wɔ nipadua yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn; 7#1 Ko 13.12 efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ anihunu so. 8#Flp 1.23 Na yɛyɛ nnam, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yebefi nipadua mu fie ha akɔtena ofie Awurade nkyɛn. 9#Nnw 39.12 Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yefi ha oo, yɛbɛsɔ n’ani. 10#Aso 17.31; Rom 2.16; 14.10 Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.
Suro a wosuro ne dɔ a wɔdɔ Kristo
11Na sɛ yenim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wonhu no saa, na Onyankopɔn de, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ yɛada adi mo ahonim mu nso. 12#2 Ko 3.1 Na yɛnsan nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo nea monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya nea mode bebua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim, na ɛnyɛ komam. 13Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛda ma mo. 14Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu. 15#1 Tim 2.6; Rom 14.7-8 Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no.
Nkwa adwene foforo
16Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio. 17#Rom 8.1; 8.10; Gal 6.15; Adi 21.5 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo. 18#Rom 5.10 Na eyinom nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadi ama yɛn no; 19#Rom 3.24-25; Kol 1.19-20 ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.
Asomdwoe ne ayɔnkofa ho kaseɛ
20 #
Yes 52.7
Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom. 21#Heb 4.15; Gal 3.13; 1 Ko 1.30; Flp 3.9 Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.
Currently Selected:
2 Korintofo 5: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: