2 Korintofo 4
4
Agyapade a egu dɔte anwenne mu
1 #
2 Ko 3.6; 1 Ko 7.25 Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw, 2#2 Ko 2.17; 1 Te 2.5 na mmom yɛapo aniwude a ehintaw no, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Onyankopɔn anim. 3#1 Ko 1.18 Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔreyera no mu; 4#Heb 1.3 wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn. 5#2 Ko 1.24 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa. 6#Gye 1.3; 2 Ko 3.18 Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.
Paulo ahoɔden fi Nyankopɔn nkyɛn
7 #
2 Ko 5.1
Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu. 8#2 Ko 1.8; 7.5 Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntewee yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. 9Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ. 10#1 Ko 15.31 Daa yɛso Awurade Yesu wu no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu. 11#Rom 8.36 Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu. 12Enti owu di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu.
Daa nkwa ho anidaso
13 #
Nnw 116.10
Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso; 14#1 Ko 6.14 na yenim sɛ, nea onyan Awurade Yesu benyan yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ. 15#2 Ko 1.3-6 Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam.
Etumi ba sɛ wɔnam seisei amanehunu so nya daa anuonyam
16 #
2 Ko 4.10; Efe 3.16 Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa. 17#Rom 8.17-18 Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn 18#Heb 11.1 na yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ na atwam, na nneɛma a wonhu no na ɛtena hɔ daa.
Currently Selected:
2 Korintofo 4: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: