YouVersion Logo
Search Icon

1 Tesalonikafo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Na Tesalonika yɛ Roma mantam Makedonia ahenkurow. Paulo kɔbuee asafo yi bere a ɔfii Filipi no. Ankyɛ koraa na Yudafo bi a na ahoɔyaw ahyɛ wɔn ma esiane nnipa a wɔnyɛ Yudafo gye a wɔagye Kristosom asɛnka no adi nti. Saa nnipa yi na anka wɔagye Yudasom no ato mu. Wɔtaataa Paulo maa no fii hɔ kɔɔ Berea. Akyiri yi a Paulo kɔduu Korinto no, ne nsa kaa nkra fii Timoteo a na ɔyɛ ne yɔnko dwumayɛni nkyɛn. Nkra yi yɛ nea na ɛfa tebea a na Tesalonika asafo no wɔ mu ho.
Eyi nti, Paulo nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no yɛ nkuranhyɛ ne awerɛkyekye a ɔde ma Akristofo a ɛwɔ hɔ no. Ɔdaa ase esiane nkra a ɔte faa wɔn gyidi ne wɔn dɔ ho no. Ɔkae wɔn asetena a ɔne wɔn tenae wɔ bere a na ɔwɔ wɔn nkyɛn no, na oyii nsɛmmisa bi a na asɔre wɔ asafo no mu, a ɛfa Kristo mmae no ho ano. Ogyidini a obewu ansa na Kristo aba no betumi anya kyɛfa wɔ daa nkwa a ne ba no de bɛba no mu anaa? Da bɛn na Kristo bɛsan aba bio? Paulo faa saa akwannya yi so kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm nyɛ adwuma na wɔmfa anidaso ntwɛn Kristo mmae no.
EMU NSƐM
Nhoma no mfiase nkyerɛkyerɛmu 1.1
Aseda ne ayeyi 1.2—3.13
Kristoni suban ho afotu 4.1-12
Kristo ba no ho kyerɛkyerɛ 4.13—5.11
Afotusɛm a edi akyi 5.12-22
Awiei 5.23-28

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in