1 Tesalonikafo 3
3
Wɔsoma Timoteo kɔ Tesalonika
1 #
Aso 17.14-15
Enti yesom a enso bio no, yɛpenee sɛ wonnyaw yɛn wɔ Atene, 2#Aso 16.1-3 na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Nyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ontu mo fo mo gyidi ho, 3#Efe 3.13; 2 Tim 3.12 na amanehunu yi anhaw obiara; efisɛ mo ankasa munim sɛ nea etwa sɛ yehu ara nen. 4Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yebehu amane, sɛnea ɛbae na munim no. 5#Flp 2.16 Eyi nti me nso, misom a enso bio no, mesomae, na mahu mo gyidi mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfo no asɔ mo ahwɛ, na yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.
Timoteo amanneɛbɔ
6 #
Aso 18.5
Na afei Timoteo fii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidi ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yiye daa, na mopɛ sɛ muhu yɛn sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo kyerɛɛ yɛn no, 7eyi nti, anuanom, mo gyidi ama yɛn werɛ akyekye mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu, 8efisɛ mugyina Awurade mu pintinn a, na afei yɛanya nkwa.
Paulo da Onyankopɔn ase
9Na aseda bɛn na yebetumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigye nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho? 10Awia ne anadwo yɛsrɛ bebree sɛ yebehu mo anim, na yɛama mo gyidi awie mayɛ.
Ɔsomafo no srɛ ade ma n’akenkanfo no
11Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnan yɛn kwan mmra mo nkyɛn. 12Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no, 13#Flp 1.10 na wahyɛ mo koma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefo nyinaa ba mu.
Currently Selected:
1 Tesalonikafo 3: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.