YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 8

8
Aduan a wɔde ma Abosom
1 # Aso 15.29 Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso. 2#Gal 6.3 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ onim biribi a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu. 3#Gal 4.9 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. 4#1 Ko 10.19 Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara. 5Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nneɛma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a, 6#1 Ko 12.5-6; Kol 1.16 yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.
7 # 1 Ko 10.27 Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn. 8#Rom 14.17 Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin. 9#Gal 5.13 Na monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua. 10Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ, no sɛ wote abosonnan mu adidii a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛw no nnya nnyinaso nkodi abosom afɔrebɔde anaa? 11#Rom 14.15 Ɛnne na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛw, a ne nti Kristo wui no bɛyera. 12Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, moreyɛ Kristo bɔne. 13#Rom 14.21 Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.

Currently Selected:

1 Korintofo 8: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in