YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofo 7

7
Nea Ɔsomafo no susu wɔ aware ho
1Na nea mokyerɛwee no ho, sɛ: Eye ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbea; 2na aguamammɔ nti, ɔbarima biara nnya n’ankasa yere, na ɔbea biara nnya n’ankasa kunu. 3Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara. 4Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere. 5Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ. 6Na eyi de, meka no ɔkwamma fam, na ɛnyɛ ɔhyɛ so. 7#Mat 19.12 Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛ mete yi; nanso obiara wɔ n’ankasa n'adom akyɛde a efi Nyankopɔn, obi de te sɛɛ, na obi nso de yɛ ade foforo.
8Na meka mekyerɛ asigyafo ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔtena hɔ sɛ me; 9#1 Tim 5.14 na sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na eye sɛ wɔbɛware sen sɛ wɔbenya akɔnnɔ bɔne.
10 # 1 Ko 7.12; 7.25; 7.40; Mat 5.32 Na wɔn a wɔaware no de, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbea nnnyaa ne kunu, 11(na sɛ ogyaa no a, ɔnnware bio; anyɛ saa a, ɔnsan ne ne kunu nkɔbom), na mma okunu nso nnnyaa ne yere.
12Na wɔn a aka no, me na meka mekyerɛ wɔn na ɛnyɛ Awurade, sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tena a, onnnyaa no. 13Na sɛ ɔbea nso wɔ okunu a onnye nni, na ɔbarima no pene sɛ ɔne no tena a, onnnyaa no. 14#Rom 11.16 Na okunu a onnye nni no ho atew wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew okunu no mu; anyɛ saa de a, na mo mma ho wɔ fi, na afei de, wɔn ho atew. 15#Rom 14.19 Na nea onnye nni no pɛ sɛ ogyae kɔ a, ma ɔnkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabea ko no so sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn. 16#1 Pe 3.1 Na, ɔyere, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo yere nkwa?
Ɛsɛ obiara sɛ ɔpene n’asetena so
17 # 1 Ko 7.20; 7.24 Na sɛnea Awurade akyɛ ama obiara ne sɛnea Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛnea mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no. 18Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma ɔnnnan momonoto! Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ momonoto anaa? Mma wonntwa no twetia! 19#Gal 5.6; 6.15 Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Onyankopɔn ahyɛde sodi na ehia. 20#1 Ko 7.17; 7.24 Ɔfrɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɔntena mu. 21Wɔfrɛɛ wo, na woyɛ akoa anaa? Mma ɛnnhaw wo! Na sɛ wubetumi anya wo fawohodi nso a, fa no saa mmom! 22#Efe 6.6; Flm 16 Na nea wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehye; saa ara na ɔdehye nso a wɔafrɛ no yɛ Kristo akoa. 23#1 Ko 6.20 Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa! 24#1 Ko 7.17; 7.20 Anuanom, biribiara a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Nyankopɔn ntena.
Aware ho afotu
25 # 1 Ko 7.10; 7.40; 1 Tim 1.12-13 Na wɔn a wɔnwaree ho de, minni Awurade ahyɛde biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborohunu ama wayɛ ɔnokwafo. 26#1 Ko 7.29; 10.11 Nea afei, misusuw sɛ eye ne sɛ: Mprempren ahohia yi nti, eye ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa ara. 27Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobegyae aware. Woasan wo ho afi ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ ɔyere! 28Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne ɛ; na sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne ɛ; na wɔn a wɔyɛ saa no ho behiahia wɔn ɔhonam mu, na me de, anka mepɛ sɛ miyi ahohia no fi mo so.
29 # Rom 13.11; Luka 14.26 Na nea mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi, 30na wɔn a woresu ayɛ sɛnea wonsu, na wɔn a wɔn ani gye ayɛ sɛnea wɔn ani nnye, na wɔn a wɔtɔ ayɛ sɛnea wonni hwee, 31#1 Yoh 2.15-17 na wɔn a wɔredi dwuma wiase ayɛ sɛnea wonni; efisɛ wiase su retwam. 32Na mepɛ sɛ anka muyi adwennwen fi mo so. Nea ɔnwaree nsusuw Awurade fam nneɛma ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, 33#Luka 14.20; Efe 5.29 na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; 34na ɛma n’adwene no yɛ ntanta. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani. 35Mo ankasa yiyedi nti na meka eyi; ɛnyɛ sɛ mehyɛ mo so, na mmom fɛ a ɛbɛyɛ ne ɔtena a mone Awurade bɛtena yiye, na biribiara renhaw mo adwene ntia.
36Na sɛ obi dwen sɛ ne nneyɛe wɔ n'asiwa bi a waso aware so mfata, nanso ehia a, ɔnyɛ nea ɔpɛ, ɔnyɛɛ bɔne ɛ, ma wɔnware. 37Na nea ogyina pintinn, ne komam, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ ne komam sɛ ɔbɛma ne ba baabun atena hɔ no, wayɛ no yiye. 38Enti nea ɔware n'asiwa no yɛ no yiye, na nea ɔnware no yɛ no yiye kɛse.
39 # Rom 7.2 Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ. 40#1 Ko 7.25 Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m'adwene ne sɛ, eye mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.

Currently Selected:

1 Korintofo 7: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in